Amos 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔsɛeɛ a ɛbɛba

1Montie asɛm yi, Basan anantwibereɛ

a mowɔ Samaria bepɔ soɔ,

mo a monyema mmɔborɔfoɔ na mohyɛ ahiafoɔ soɔ,

na moka kyerɛ mo wuranom sɛ: Fa bra na yɛnnom no.

2AWURADE Nyankopɔn aka ne kronkronyɛ ho ntam sɛ:

Hwɛ, nna bi bɛba mo so

a wɔde ntɔnkɔgyei bɛtwe mo akorɔ,

ne mo akyirikafoɔ nso, apofofoɔ nnarewa ano.

3Na ɔfasuo tokuro mu na mobɛfa anantenante

mo anim tee afiri adie,

na wɔbɛsunsum mo atwene Harmon,

AWURADE asɛm nie.

4 Deut 14.28 Monkɔ Betel nkɔto mmara,

monkɔ Gilgal mma mmarato nnɔɔso,

na momfa mo kum afɔdeɛ mmra daa anɔpa,

ne mo ntotosoɔ du du daa nnansa.

5 Lew 2.11 Na momfa mmɔreka paanoo nhye aseda afɔdeɛ

na mompae ayamyi ayɛyɛdeɛ mma wɔnte.

Na saa na mopɛ, mo Israelfoɔ,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

6Na me nso memaa mo se so daa mpan, mo nkuro nyinaa mu

na modii aduanekɔm, mo tenabea nyinaa mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

7 1 Ah 17.1 Na me nso mekamee mo osutorɔ

abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu,

na metɔɔ osuo guu kuro baako so,

na mantɔ bi angu kuro baako so.

Afuo baako nyaa osuo,

na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.

8Na nkuro mmienu anaa mmiɛnsa kyinkyini kɔɔ kuro baako so

kɔnom nsuo, nanso wɔammee;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

9 Hag 1.11; Yoel 1.4 Memaa ɔhoɔ ne ɔpoɔ baa mo so;

mo nturo ne mo bobe nturo

ne mo borɔdɔma ne mo ngo nnua dodoɔ no, ntutummɛ wee;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

10 Eks 9.3 Mesomaa ɔyaredɔm a ɛte sɛ Misraim deɛ no baa mo mu,

mede afena mekunkumm mo mmeranteɛ

na mefaa mo apɔnkɔ nnommum,

na memaa mo nsraban mu kankan sɔre hyɛnee mo hwene mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

11 Gye 19.24-25; Sak 3.2 Mebutuu mo mu binom

sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no,

na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu;

nanso moansane amma me nkyɛn,

AWURADE asɛm nie.

12Enti sei na mɛyɛ woɔ, O Israel;

ɛsiane sɛ mɛyɛ wo seyie nti,

siesie wo ho kɔhyia wo Nyankopɔn.

13 Mika 1.3 Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa

na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no,

deɛ ɔyɛ adekyehema esum,

na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no,

AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help