Hagai NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUOdiyifoɔ Hagai nwoma no yɛ nkra nsɛm tiawa bi a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn nam Odiyifoɔ no so baeɛ wɔ mfeɛ ahanum aduonu ansa na wɔrewo Kristo no mu (B.C.). Na nkurɔfoɔ no firi otukorɔ mu aba na wɔabɛtena Yerusalem mfeɛ bi, nanso na AWURADE fie no da so yɛ amamfo. Asɛm no hyɛɛ adikanfoɔ no sɛ; wɔnsi AWURADE fie no bio na AWURADE ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛma asomdwoeɛ ne yiedie aba ne nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho na wɔayɛ foforɔ no so.EMU NSƐMƆhyɛ sɛ wɔnsi AWURADE fie no foforɔ 1.1-15Ahotɔ ne gyidie nsɛm 2.1-23