1 2 Ah 21 Manase dii mfeɛ dummienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum nnum wɔ Yerusalem.
2Deut 18.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim no.
32 Ah 18.4 Na ɔsane totoo sorɔnsorɔmmea a n’agya Hesekia bubuiɛ no, na ɔsisii afɔrebukyia maa Baalim, na ɔyɛɛ Asera nnua, na ɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa na ɔsom wɔn.
4Deut 12.5, 11; 1 Ah 9.3 Na ɔsisii afɔrebukyia AWURADE fie, sɛdeɛ AWURADE aka ho asɛm sɛ: Yerusalem na me din bɛtena akɔsi daa hɔ.
5Na ɔsisii afɔrebukyia memaa ɔsoro asafo nyinaa, AWURADE fie abannwa mmienu no so.
6Na ɔde ne mma bɔɔ afɔdeɛ ogya mu Hinom ba bonhwa no mu, na ɔdii abayisɛm, bisaa adeɛ, yii ntafowa, na ɔyɛɛ asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne bebree pa ara de huruu ne bo.
7Na ɔde ohoni a ɔseneeɛ no sii Nyankopɔn fie a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne ba Salomo sɛ: Efie yi ne Yerusalem na mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu, sɛ mede me din bɛsi hɔ akɔsi daa.
8Na merenkɔ so mentwe Israel nan mfiri asase a mahyɛ ama wɔn agyanom no so: Hwɛ ara nko na wɔnhwɛ nyɛ adeɛ a mahyɛ wɔn no nyinaa, Mose nsa ano mmara ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ nyinaa.
9Na Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfoɔ maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn Israelfoɔ anim no.
10Na AWURADE kasa kyerɛɛ Manase ne ne man no, nanso wɔantie.
Manase dommumfa ne n’adwensakyera11Ɛnna AWURADE maa Asiriahene asahene baa wɔn soɔ, na wɔde nkɔtɔkorɔ kyeree Manase, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ guu no, na wɔde no kɔɔ Babel.
12Na ne ho hiaa no no, ɔhwehwɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii wɔ n’agyanom Nyankopɔn anim.
131 Ah 18.39 Na ɔbɔɔ no mpaeɛ no, AWURADE tiee ne nkotosrɛ, na ɔde no sane baa Yerusalem n’ahennie mu. Ɛnna Manase hunuu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.
14Na yei akyiri no, ɔtoo Dawid kuro akyi fasuo, Gihon atɔeɛ, subonhwa no mu de kɔsii Mpataa Pono ano, na ɔde twaa Ofel ho hyiae, na ɔmaa no korɔn yie. Na ɔde dɔm asafohene duaduaa Yuda nkuro a ɛyɛ den nyinaa mu.
15Na ɔyii ananafoɔ anyame ne ahoni no firii AWURADE fie ne afɔrebukyia a ɔsisii no AWURADE fie bepɔ soɔ ne Yerusalem no nyinaa, na ɔkɔtoto guu kuro no akyi.
16Na ɔsii AWURADE afɔrebukyia no bio, na ɔbobɔɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ, na ɔhyɛɛ Yuda sɛ wɔnsom AWURADE Israel Nyankopɔn no.
17Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea no so, nso na AWURADE wɔn Nyankopɔn nko na wɔbɔ ma no.
18Na Manase ho nsɛm nkaeɛ ne ne mpaeɛ a ɔbɔɔ ne Nyankopɔn ne adehunufoɔ a wɔde AWURADE Israel Nyankopɔn din kasa kyerɛɛ no no nsɛm no, hwɛ, ɛwɔ Israel Ahemfo ho Nsɛm no mu.
19Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.
20Na Manase tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no ne fie, na ne ba Amon bɛdii n’adeɛ.
Yudahene Amon21Amon dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.
22Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agya Manase yɛeɛ no, na ahoni a n’agya Manase yɛeɛ no nyinaa, Amon bobɔɔ afɔdeɛ maa wɔn na ɔsomm wɔn.
232 Be 33.12 Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa mfomsoɔ dɔɔso.
24Na ne nkoa pamm ne tiri so kumm no ne fie.
25Na asase no sofoɔ no kunkumm Ɔhene Amon atirisopamfoɔ no nyinaa, na asase, no sofoɔ no de ne ba Yosia sii hene n’ananmu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.