Hesekiel 30 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Misraim ho kwadwom

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Montwa agyaadwoɔ! Ao, ɛda no!

3 Yoel 1.15 Na ɛda no abɛn,

ɛda no abɛn ama AWURADE,

mununkum da,

ɛbɛyɛ amanaman berɛ.

4Na nkrantɛ bɛba Misraim so,

na nketenkete akuta Etiopia,

ɛberɛ a apirafoɔ retotɔ Misraim

na wɔrefa emu asafo yuu akorɔ

na wɔredwiri ne nnyinasoɔ.

5Etiopia, Put, Lidia ne afrafrafoɔ dɔm nyinaa ne Kub a wɔne wɔn wɔ apam no nyinaa bɛtotɔ nkrantɛ ano.

6Sɛ AWURADE seɛ nie:

Wɔn a wɔboa Misraim bɛtotɔ,

na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase.

Ɛfiri Migdol kɔsi Siene

wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

7na wɔayɛ pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro afra nkuro afoafo mu,

8na wɔahunu sɛ mene AWURADE,

berɛ a mɛsɔ ogya Misraim

na wɔasɛe n’aboafoɔ nyinaa no.

9 Yes 18.2; 20.3-4 Ɛda no, abɔfoɔ bɛfiri m’anim afiri adi, ahyɛne mu, akɔma Etiopiafoɔ wɔn a wɔwɔ hɔ anibiannasoɔ mu no abɔ binim, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.

10Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Mede Babelhene Nebukadnessar nsa

bɛtwa Misraim asafo yuu no so.

11Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman aniɛdenfoɔ no,

wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no,

na wɔatwetwe wɔn nkrantɛ atia Misraim,

na wɔde atɔfoɔ ahyɛ asase no ma.

12Na mɛma Nil ne nsubɔntene no awewe,

na matɔn asase no ahyɛ abɔnefoɔ nsa,

na mede ananafoɔ nsa

mayɛ asase no ne ne mayɛ pasaa;

me AWURADE, na maka.

13Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Mɛsɛe ahoni huhuo no

na matwa abosonhuhuo no so afiri Memfis,

na ɔberempɔn renka Misraim asase so mma wɔn bio,

na mɛma ehu aba Misraim asase so.

14Na mɛyɛ Patros pasaa,

na masɔ ogya Soan,

na mayɛ atemmudeɛ wɔ Tebes,

15na mahwie m’abufuhyeɛ agu Pelusium, ne

Misraim aban a ɛyɛ den no so,

na Tebes asafo yuu no matwa so.

16Na mɛto Misraim mu gya.

Pelusium bɛhunu ayayadeɛ,

na wɔde Tebes bɛma

wɔabu n’afasuo afa mu, na Memfis bɛhunu ahohiahiafoɔ awia,

17On ne Pi-beset mmeranteɛ bɛtotɔ nkrantɛ ano,

na mmaa no akɔ nnommumfa mu.

18Tehafnehes nso, ɛda no bɛduru sum,

sɛ merebubu Misraim kɔnnua wɔ hɔ,

na n’ahoɔden ahantan to bɛtwa wɔ ne mu,

na mununkum bɛkata ne so,

na ne mmammaa akɔ nnommumfa mu.

19Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Misraim hene tumi bɛbrɛ ase

20Na afe a ɛtɔ so dubaako, bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so nson no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21Onipa ba, Misraimhene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntomaban rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi asɔ nkrantɛ mu.

22Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne Misraimhene Farao anya, na merebɛbu n’abasa no, deɛ ɛyɛ den ne deɛ abuo no, na mama nkrantɛ no afiri ne nsa atɔ fam;

23na mɛbɔ Misraimfoɔ apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so.

24Na mɛhyɛ Babel hene abasa mu den, na mede ne nkrantɛ ahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtofoɔ pene n’anim.

25Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa mu ago, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Na mede me nkrantɛ merehyɛ Babel hene nsa, na watene no Misraim asase so;

26na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu so, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help