1 Num 10.35 Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete,
na ma wɔn a wɔkyiri no nnwane n’anim.
2Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no;
sɛ akraa nane ogya ho no,
sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.
3Na teneneefoɔ deɛ, wɔn ani bɛgye,
wɔbɛdi Nyankopɔn anim ahurisie
na wɔn ho asane wɔn, anigyeɛ mu.
4 Yes 57.14 Monto Nyankopɔn dwom, monto dwom mma ne din,
montoto kwan yie mma deɛ ɔte adeɛ so nam ɛserɛ so reba,
ne din de AWURADE, na monni n’anim ahurisie.
5 Dwom 10.14 Nwisiaa se ne akunafoɔ sɛnnifoɔ ne Onyankopɔn,
ne tenabea kronkron mu.
6Onyankopɔn ma ɔhokwafoɔ nya mpɔn-ne-mma,
ɔtu apokyerɛfoɔ ma wɔbɛdi yie,
na mansotwefoɔ deɛ, wɔte nkyɛkyerɛ so.
7 Eks 13.21; Ate 5.4-5 Onyankopɔn, wofirii adi dii wo man anim,
wofaa ɛserɛ pradada soɔ no,
8 Eks 19.16-18 asase wosoe, ɔsoro nso sosɔɔ nsuo
Nyankopɔn anim,
Sinai yi ara wosoe Onyankopɔn,
aane, Israel Nyankopɔn, anim.
9Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so,
na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.
10W’asafo tenaa so;
Onyankopɔn, w’ayamyɛ mu wosiesie maa amanehunufoɔ.
11 Yes 52.7 AWURADE bɛka n’anomu asɛm,
mmaa a wɔka nkonim asɛmpa no asafo so.
12Atamfoɔ dɔm ahemfo bɛdwanedwane,
na ɔbaa a ɔte fie no akyekyɛ asadeɛ mu.
13 Ate 5.16 Motete nnwammuo ntam a,
ɛte sɛ aburuburo ntaban a wɔde dwetɛ agu ho,
ne ne ntakra a sika fɛfɛ hran ho.
14Otumfoɔ bɔ ahemfo gu asase no so a,
ɛhoa sɛ nsukyerɛmma Salmon so.
15Basan mmepɔ yɛ Nyankopɔn mmepɔ,
Basan mmepɔ yɛ mmepɔ atentene.
16 Dwom 132.13 Adɛn na mo mmepɔ atentene
mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ no?
Ampa, AWURADE bɛtena so daa.
17 2 Ah 6.17; Dan 7.10 Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea,
AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.
18 Efe 4.8-10 Woaforo kɔ soro,
woafa nnommumfoɔ nnommum,
woagye nnipa mu ayɛyɛdeɛ, mansotwefoɔ mu mpo,
na AWURADE Nyankopɔn atena hɔ.
19 1 Ko 10.13 Nhyira ne AWURADE
a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa,
ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ.
20Ɔno Onyankopɔn no ne yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,
na AWURADE na owuo mu fire wɔ no.
21Ampa ara, Onyankopɔn bɛpiepie n’atamfo ti,
ɔbɛpie deɛ wasi atimum
na ɔkyea n’afodie mu no ti.
22Na AWURADE aka sɛ:
Mɛfa wɔn mafiri Basan maba bio,
mede wɔn bɛsane afiri po bunu mu aba,
23na wode wo nan akeka mogya mu,
na w’akraman tɛkyerɛma anya atamfoɔ no ho biribi atafere.
24 2 Sa 6.13-14; Dwom 24.7 Onyankopɔn, wɔhunu w’adi a worebɛfire,
me Nyankopɔn ne me hene adi a ɔrebɛfiri, kronkronbea hɔ.
25 Eks 15.20 Nnwontofoɔ di kan, asankubɔfoɔ di akyire
wɔ mmabaa a wɔka mpintin ntam.
26 Yes 48.1 Monhyira Onyankopɔn, mo asafo ahyiaeɛ mu,
mo a mofiri Israel abura mu, monhyira AWURADE.
27Benyamin akumaa, wɔn sodifoɔ, wɔ hɔ,
Yuda atitire, wɔn asafohene ahodoɔ,
Sebulon atitire ne Naftali atitire wɔ hɔ.
28Wo Nyankopɔn ahyɛ de wo tumi ama wo,
Onyankopɔn, hyɛ deɛ woayɛ ama yɛn yi mu den.
29 Dwom 72.10, 15 W’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem nti,
ahemfo de ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ wo.
30Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo
ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim,
na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom.
Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.
31 Yes 19.21; Dwom 87.4 Akunini firi Misraim bɛba,
Etiopia bɛtene ne nsa ntɛm ama Onyankopɔn.
32Asase so ahennie, monto Onyankopɔn dwom,
monto dwom mma AWURADE.
33Monto mma deɛ ɔte tete soro mu soro.
Hwɛ, ɔma wɔte ne nne a ɛyɛ tumi nne.
34 Dwom 29.1 Momfa tumi mma Onyankopɔn,
n’animuonyam kata Israel so,
na ne tumi wɔ wiem tɔnn.
35 Dwom 29.11 Nyankopɔn, wo ho yɛ hu, wo tenabea kronkron mu,
Israel Nyankopɔn
de tumi ne ahoɔden ma ne man.
Nhyira ne Onyankopɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.