Hiob 24 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adɛn nti na Onyankopɔn ntea abɔnefoɔ ntɛm so

1Adɛn nti na Otumfoɔ nhyɛ berɛ ntua abɔnefoɔ ka,

na wɔn a wɔni no no nhunu saa berɛ no?

2 Deut 27.17 Ebinom deɛ wɔtwe ɛhyeɛ,

wɔfom mmoakuo fa yɛne wɔn.

3Wɔka nwisiaa afunumu kɔ,

wɔgye akunafoɔ nantwie awowa.

4Wɔsum ahiafoɔ firi ɔkwan so;

asase so amanehunufoɔ bom hunta.

5Hwɛ, sɛ anwea pradada so mfunumu firi adie no,

saa ara na wɔkɔ wɔn dwumadie so kɔpɛ aduane,

ɛserɛ so na wɔnya aduane ma mmɔfra.

6Mfuo so na wɔtwa mmoa aduane,

na wɔdi ɔbɔnefoɔ bobe turo mu mpɛpɛ.

7Wɔde adagya na ɛda, wɔnni ntoma,

na wɔnni nkataho awɔ mu.

8Mmepɔ so sutorɔ fɔ wɔn,

na ɛnam sɛ wɔnni dwanekɔbea nti,

wɔyɛ ɔbotan atuu.

9Wɔte agyanka firi nufoɔ ano,

na wɔgye mmɔborɔni hɔ awowa.

10 Yes 58.7 Wɔma wɔnenam adagya a wɔnni ntoma,

na wɔde ɛkɔm soasoa ayuo afiafi.

11 Yak 5.4 Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu,

wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm.

12Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire,

na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ,

nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no.

13Ebinom ayɛ hann anim atuatefoɔ,

wɔnhwɛ n’akwan,

na wɔntena n’atempɔn mu.

14Nhema na owudini sɔreɛ,

ɔkum ɔmanehunufoɔ ne ohiani,

na anadwo ɔyɛ sɛ owifoɔ.

15Na ɔwaresɛefoɔ ani twɛn sum berɛ,

ɔka sɛ: Ani biara renhu me.

Na ɔde nkataho kata n’anim.

16Esum mu na wɔhwirehwire adan mu;

wɔto wɔn ho pono mu awia,

wɔnnim hann.

17Na wɔn nyinaa, esum kabii yɛ wɔn sɛ anɔpa,

ɛfiri sɛ wɔne esum kabii mu ahuyideɛ yɛ nnamfo.

18 Gye 49.4 Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani;

wɔadome ne kyɛfa asase so,

ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.

19Ɔhyeɛ ne ahuhuro na ɛnane sukyerɛmma nsuo,

saa ara nso na Asamando pra wɔn a wɔyɛ bɔne kɔ.

20Ɔyafunu a ɛwoo no no werɛ firi no, mmoaa fefe no.

Wɔnkae no koraa bio,

na wɔbɛbubu amumuyɛ sɛ dua.

21Ɔdidii obonini a ɔnwoɔ mpo ho,

na wanyɛ ɔbaa kunafoɔ yie.

22Nanso Onyankopɔn de ne tumi yi atumfoɔ firi hɔ;

wɔtumi nya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho anidasoɔ biara.

23Ɔma wɔtena hɔ dwoodwoo, na wɔde wɔn ho to ɛno so,

nanso na n’ani hwɛ wɔn akwan.

24Wɔduru deɛ ɛkorɔn, nso kakraa bi pɛ, na wɔnni hɔ;

wɔgyaa mu na wɔsie wɔn sɛ nnipa nyinaa,

na wɔtwitwa wɔn sɛ ayuo mmɛtem.

25Sɛ ɛnte saa a, hwan na ɔbɛyi me ɔtorofoɔ,

na wakyerɛ sɛ m’asɛm no nni mu?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help