1Ɛnna Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ firi Yerusalem baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ:
2
8 Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni,
na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.
9 Na wɔsɔre me kwa,
wɔkyerɛkyerɛ nsɛm a nnipa ahyehyɛ.
10Na ɔfrɛɛ nkurɔfokuo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie, na monte aseɛ.
11Ababaa bosonsonni bi ayaresa(Marko 7.24-30)
21Na Yesu firi hɔ kɔɔ Tiro ne Sidon fa mu.
22Na hwɛ, Kanaanni baa bi a ɔfiri mpɔtamu hɔ ba bɛteateaa mu sɛ: O Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi reha me babaa dodo!
23Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.
24Mat 10.6 Na ɔbuaa sɛ: Israel fie nnwan a wɔayera no nko ara nkyɛn na wɔsomaa me.
25Na ɔbaa no ba bɛkotoo no sɛ: Awurade, boa me!
26Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma aduane to ma nkraman mma.
27Na ɔse: Ɛwom, Awurade, nanso nkraman mma no nso di mporoporowa a ɛfiri wɔn wuranom pono so gu fam no bi.
28Mat 8.10; 8.13 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.
Yesu sa nyarewa ahodoɔ29 Mar 7.31 Na Yesu firi hɔ baa Galilea po ho. Na ɔkɔɔ bepɔ so kɔtenaa ase wɔ hɔ.
30Na nkurɔfoɔ akuakuo pii de mpakye, mmubuafoɔ, anifirafoɔ, emum ne afoforɔ pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn bɛguu ne nan ase, na ɔsaa wɔn yadeɛ
31Mar 7.37 maa no yɛɛ nkurɔfokuo no nwanwa, berɛ a wɔhunuu sɛ emum rekasa, na mpakye ho sane, na mmubuafoɔ nanteɛ, na anifirafoɔ hunu adeɛ; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn animuonyam.
Nnipa mpemnan aduanema(Marko 8.1-10)32 Mat 14.14 Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ no see wɔn sɛ: Nkurɔfokuo yi yɛ me mmɔbɔ sɛ wɔatena me nkyɛn atoa so nnansa nie, na wɔnni biribi a wɔdie; nanso mempɛ sɛ megya wɔn kwan ma wɔde yafumpan korɔ, na wɔankɔtotɔ baha ɔkwan mu.
33Na asuafoɔ no see no sɛ: Ɛhe na yɛbɛnya paanoo a ɛbɛso nkurɔfokuo pii sɛɛ wɔ anwea pradada so ha?
34Na Yesu see wɔn sɛ: Paanoo ahe na mowɔ? Na wɔse: Nson ne mpataa nketewa bi.
35Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena fam.
36Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.
37Na wɔn nyinaa di meeɛ, na wɔtasetasee mporoporowa a ɛkaeɛ no nkɛntɛn nson mama.
38Na wɔn a wɔdiiɛ no yɛ mmarima mpemnan a wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.
39Na ɔgyaa nkurɔfoɔ akuakuo no kwan no, ɔfaa kodoɔ na ɔbaa Magadan ahyeɛ so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.