1 Eks 15.18; Dwom 97.1; 99.1; 96.10 AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho.
AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho,
na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.
2W’adwa tim hɔ firi tete,
wowɔ hɔ firi daa.
3Asutene ama so, AWURADE,
asutene ama wɔn nne so,
asutene ma wɔn huuyɛ so.
4Deɛ ɔsene nsukɛseɛ nne, nsuo a ɛwɔ tumi,
ɛpo mu asorɔkyeɛ nne,
ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ AWURADE.
5 Dwom 19.7-10 W’adansesɛm yɛ nokorɛ pii;
kronkronyɛ na ɛfata wo fie,
AWURADE, nnasanten nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
