Sakaria 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn bɛgye Yerusalem

1AWURADE atemmusɛm a ɛfa Israel ho, AWURADE a ɔtrɛ ɔsoro mu na ɔto asase fapem na ɔnwono onipa honhom wɔ ne mu no asɛm nie:

2Yes 51.17 Hwɛ, mede Yerusalem bɛyɛ ntintantɔ kuruwa ama aman a wɔatwa ho ahyia nyinaa, na sɛ wɔka Yerusalem hyɛ mu a, ɛbɛba Yuda so nso.

3Sak 14.2; Yoel 3.12 Na da no, mede Yerusalem bɛyɛ tɔkwaboba ama aman nyinaa. Wɔn a wɔbɛma soɔ nyinaa bɛpirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano atia no.

4Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.

5Na Yuda abusua bɛka no wɔn akoma mu sɛ: Yerusalemfoɔ yɛ me ahoɔden wɔ asafo AWURADE wɔn Nyankopɔn mu.

6 Oba 18 Ɛda no mede Yuda mmusua no bɛyɛ sɛ nnyina mu ogya ayowa, ne afiafi mu tɛnee, na ahye aman a atwa ho ahyia nyinaa, benkum ne nifa so, na Yerusalem bɛtena n’ananmu, Yerusalem ara.

7Na AWURADE bɛgye Yuda ntomadan kane, na Dawid fie animuonyam ne Yerusalemfoɔ animuonyam amma wɔn ho so antia Yuda.

8Yes 33.24 Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.

9Adi 20.9 Na ɛda no, mɛhwehwɛ amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa masɛe wɔn.

Honhom ho bɔhyɛ. Adwotwa

10 Yoel 3.1; Yoh 19.37; Adi 1.7 Na mɛhwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawid fie ne Yerusalemfoɔ so, na wɔahwɛ deɛ wɔahwire me mu no, na wɔatue ne so su sɛ ɔbakorɔ so su, na wɔatwa ne so agyaadwo a ɛyɛ ya ara sɛ abakan so deɛ.

112 Be 35.22-25 Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,

12na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko,

13Lewifoɔ abusua nko ne wɔn yerenom nko, Simei fie abusua nko ne wɔn yerenom nko;

14mmusua a aka no nyinaa, mmusua mmusua nkorɛnkorɛ ne wɔn yerenom nkorɛnkorɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help