1Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa a,
ma Israel nka ɛ:
2Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn afa,
berɛ a nnipa sɔre tiaa yɛn no a,
3anka wɔn abufuo dɔ tiaa yɛn no,
wɔamemmene yɛn animono,
4anka nsuo amene yɛn,
anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so,
5anka nsuo a ɛyɛ ahantan
abɔ afa yɛn kra so.
6Nhyira ne AWURADE
a wamfa yɛn anyɛ
hanam amma wɔn se.
7Yɛn kra adwane sɛ anomaa
afiri afirisumfoɔ fidie mu,
fidie no abubu,
na yɛn deɛ, yɛadwane.
8 Dwom 121.2 Yɛn mmoa wɔ AWURADE
a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
