Hebrifoɔ 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu nhwɛsoɔ

1 Rom 7.21; Heb 10.36; 1 Ko 9.24 Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,

2nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.

3 Luka 2.34 Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.

4Mo ne bɔne redi ako yi, monnya nsii ano nkɔduruu mogyahwiegu mu,

5Mmb 3.11-12 na mo werɛ afi afotuo a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no, sɛ:

Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa,

nanso ɔyi wo atɛn a, mma w’aba mu mmu.

6 Adi 3.19 Na deɛ Awurade dɔ no no na ɔtwe n’aso,

na ɔhwe ɔba biara a ɔgye no.

7Sɛ mohunu asotwe mu amane tena mu a, Onyankopɔn yɛ mo sɛ mma. Na ɔba bɛn na ɔwɔ hɔ a n’agya ntwe n’aso?

8Dwom 73.14-15 Na sɛ monni asotwe a wɔn nyinaa anya bie no bi a, ɛnneɛ na moyɛ adwaman mma, na ɛnyɛ mma mapa.

9Num 16.22 Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?

10Na wɔn deɛ, wɔtwee yɛn aso nna kakraa bi, sɛdeɛ ɛyɛ wɔ wɔn ani soɔ no nko, na ɔno deɛ, yɛn yie nti na ɔtwe yɛn aso, na yɛanya n’ahoteɛ no bi.

112 Ko 4.17-18 Na asotwe biara, seesei deɛ, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyedeɛ, na mmom awerɛhodeɛ, nanso akyire yi no, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛyɛ tenenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.

12 Yes 35.3 Enti momma nsa a emu agoɔ ne nkotodwe a ahodwo no mu nyɛ den bio.

13Mmb 4.26 Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ.

Po a wɔpo Onyankopɔn adom no ho kɔkɔbɔ

14 Rom 12.18; 2 Ti 2.22 Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.

15Deut 29.18 Na monhwɛ yie na obi amfiri Nyankopɔn adom no ho anka akyi, na wannyɛ te sɛ nhini nwononwono bi amfiri anyɛ ɔhaw biara, na wamfa nkekaeɛ ammɛkeka nnipa bebree,

16Gye 25.33-34 na obi anyɛ odwamamfoɔ anaa ohuhuni sɛ Esau a ɔtɔnee n’abakan gyee aduane korɔ.

17Gye 27.30-40 Na monim sɛ, akyire yi nso a ɔpɛɛ sɛ ɔnya nhyira no, wɔpaa no, na ɔde nisuo hwehwɛɛ adwensakyera kwan deɛ, nanso wanhunu.

18 Eks 19.12, 16; 19.18; Deut 4.11 Na moamma bepɔ a wɔde nsa ka no ho, ne ogya a ɛrehyeɛ ne mununkum kusuu ne esum ne mframa a ɛbɔ huu

19Eks 20.19 ne totorobɛnto gyegyeɛ ne nsɛm nne a wɔn a wɔteeɛ no srɛɛ sɛ wɔmmfa asɛm bi nnka wɔn ho bio no ho.

20Eks 19.13 Na wɔantumi deɛ wɔhyɛeɛ a ɛse: Na sɛ aboa bi mpo ho kɔka bepɔ no a, wɔnsi no aboɔ.

21Na deɛ ɛpueeɛ no yɛ hu pii nti, Mose kaa sɛ: Mesuro, na me ho popo!

22Adi 14.1; Gal 4.26; Adi 21.2; 5.11 Na mmom moaba Sion bepɔ ne Onyankopɔn teasefoɔ kuro, ɔsoro Yerusalem ho, ne abɔfoɔ mpempem nhyiamu,

23Luka 10.20 ne mmakan a wɔatwerɛ wɔn din wɔ ɔsoro no badwa, ne Onyankopɔn, nnipa nyinaa temmufoɔ no, ne ateneneefoɔ a wɔayɛ pɛ ahonhom,

24Heb 9.15; 11.4; Gye 4.10 ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.

25 Heb 2.2; 10.28-29 Monhwɛ na moampo deɛ ɔkasa no. Na sɛ wɔn a wɔpoo deɛ ɔkasaa asase soɔ no amfiri ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛn mmom a sɛ yɛdane firi deɛ ɔfiri soro kasa no ho a, yɛbɛdwane?

26Hag 2.6 Ɔno na ɛberɛ no mu ne nne wosoo asase, na afei wahyɛ bɔ sɛ: Mɛwoso prɛko bio, ɛnyɛ asase nko, na ɔsoro nso.

27Na asɛm “prɛko bio” no kyerɛ nnoɔma a wɔwosoɔ no nsakyeraeɛ, sɛ ɛyɛ adeɛ a wɔayɛ, na nnoɔma a ɛnwosoɔ no atena hɔ.

28Enti ɛnam sɛ yɛanya ahennie a ɛnwosoɔ yi, momma yɛmfa aseda mmra mfa so nsom Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɔ n’ani wɔ fɛreɛ ne ahodasoɔ mu.

29Deut 4.24; 9.3 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help