1 Dwom 32.11 Ateneneefoɔ, momfa anigyeɛ nhuro AWURADE mu,
ɛsɛ wɔn a wɔtene no sɛ wɔyi no ayɛ.
2 Dwom 92.3 Momfa sankuo nna AWURADE ase,
momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!
3 Dwom 40.3; 96.1; 98.1; Adi 5.9 Monto dwom foforɔ mma no,
mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho!
4Na AWURADE asɛm tene,
na ne nnwuma nyinaa wɔ nokorɛ mu.
5Ɔdɔ asɛntenenee ne atemmuo,
AWURADE adɔeɛ ahyɛ asase so ma.
6 Gye 1.6, 14 AWURADE de n’asɛm na ɛyɛɛ ɔsoro,
na ɔde n’anomu honhom yɛɛ emu asafo nyinaa.
7 Dwom 104.9 Ɔka ɛpo nsuo boa ano kuo,
ɔde ebunu sie deɛ ɛhɔ dɔ.
8Ma asase nyinaa sofoɔ nsuro AWURADE,
wɔn a wɔte wiase nyinaa mfɛre no;
9na ɔno na ɔka a, ɛba mu,
ɔno na ɔhyɛ a, ɛgyina hɔ.
10AWURADE ma amanaman agyina dane hunu,
ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.
11AWURADE agyina deɛ, ɛgyina hɔ daa,
n’akomam adwene wɔ hɔ ma awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa.
12 Deut 33.29 Nhyira ne nkurɔfoɔ a wɔn Nyankopɔn ne AWURADE,
ne ɔman a wayi wɔn de ayɛ ɔno ara n’apɛgyadeɛ.
13AWURADE firi soro hwɛ,
ɔhunu nnipa mma nyinaa.
14Ɔte ne tenaberɛ na ɔhwɛ
asase sotefoɔ nyinaa.
15Ɔno na ɔnwono wɔn nyinaa akoma,
ɔhu wɔn nnwuma nyinaa mu.
16 1 Sa 17 Ɔhene biara mfa ɛdɔm dodoɔ nni nkonim,
ɔbrane mfa ahoɔden kɛseɛ nnye ne ho.
17 Dwom 20.7 Nkwagyeɛ mu, ɔpɔnkɔ yɛ ade hunu
na wɔmfa n’ahoɔden dodoɔ nnye onipa.
18 Dwom 34.15-17 Hwɛ, AWURADE ani wɔ wɔn a wɔsuro no so,
ɛwɔ wɔn a wɔn ani da n’adɔeɛ soɔ no so,
19 Dwom 34.9-10 sɛ ɔbɛgye wɔn kra afiri owuo mu,
na wama wɔanya nkwa ɛkɔm mu.
20 Dwom 3.3 Yɛn kra twɛn AWURADE,
yɛn boafoɔ ne yɛn kyɛm ne no.
21Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam,
ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.
22AWURADE, ma w’adɔeɛ ntena yɛn so,
sɛdeɛ yɛn ani da wo soɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
