1Monyi AWURADE ayɛ!
Me kra, yi AWURADE ayɛ.
2Mete ase yi, mɛyi AWURADE ayɛ,
mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.
3 Dwom 118.8-9; Yer 17.5 Mommfa mo ho nnto ahemfo
anaa onipa ba a nkwagyeɛ biara nni ne mu so.
4 Gye 3.19; Ɔsɛ 12.7 Ne honhom firi kɔ, ɔsane kɔ ne dɔteɛ mu,
da no ara ne tirim a ɔbɔeɛ yera.
5Nhyira ne deɛ Yakob Nyankopɔn ne ne boafoɔ,
deɛ n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, soɔ.
6Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,
ɛpo ne deɛ ɛwom nyinaa,
ɔno na ɔkora nokorɛ daa.
7Ɔbu atɛn ma wɔn a wɔdi wɔn amim,
ɔma wɔn a ɛkɔm de wɔn aduane.
AWURADE tu nneduafoɔ.
8 Dwom 145.14 AWURADE bue anifirafoɔ ani,
AWURADE ma wɔn a wɔakotoɔ so gyina,
AWURADE dɔ ateneneefoɔ,
9 Eks 22.20-21; Dwom 10.14; 68.5 AWURADE kora ahɔhoɔ,
ɔgyina nwisiaa ne akunafoɔ akyi,
na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɔdane ani.
10 Dwom 93.1 AWURADE di hene daa,
Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.
Monyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
