Mmebusɛm 9 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyansa frɛ

1Nyansa asi ne dan,

wasene n’adum nson;

2 Mat 22.4 wakum ne mmoa, wafra ne nsa,

na wasiesie ne pono nso;

3wasoma ne mmaawa,

ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:

4Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha!

na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ:

5Mommra mmɛdi m’aduane no bi,

na monnom me nsa a mafra no bi.

6 Mmb 1.22 Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa,

na monnante nhunumu kwan so.

7Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no soa aniwuo,

na deɛ ɔka ɔbɔnefoɔ anim no nya nkekaeɛ.

8 Mmb 23.9 Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo;

ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.

9Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa,

ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.

10 Mmb 1.7 Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro,

na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu.

11 Mmb 3.2, 16 Na me nti na wo nna bɛdɔɔso,

na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.

12Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa,

na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.

Nkwaseasɛm ho kɔkɔbɔ

13Ɔbaa kwasea yɛ ɔkasafoɔ,

tibɔnkɔso a ɔnnim hwee;

14ɔtena ne fie aboboano,

kuro mu sorɔnsorɔn hɔ adwa so,

15sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresene ɔkwan soɔ,

wɔnam wɔn nkwammɔeɛ so tee no sɛ:

16Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha!

Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ:

17 Mmb 20.17 Nsuo a wɔwia yɛ fremfrem,

na ahuntaduane yɛ dɛ!

18Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ,

Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help