1 Tesalonikafoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUNa Tesalonika yɛ Roma mantam Makedonia ahenkuro. Paulo kɔbuee asafo yi ɛberɛ a ɔfirii Filipi no. Ankyɛ koraa na Yudafoɔ bi a na ahoɔyea ahyɛ wɔn ma ɛsiane nnipa a wɔnyɛ Yudafoɔ gye a wɔagye Kristosom asɛnka no adie nti. Saa nnipa yi na anka wɔagye Yudasom no ato mu. Wɔtaataa Paulo maa no firi hɔ kɔɔ Berea. Akyire yi a Paulo kɔduruu Korinto no, ne nsa kaa nkra firii Timoteo a na ɔyɛ ne yɔnko dwumayɛni nkyɛn. Nkra yi yɛ deɛ na ɛfa tebea a na Tesalonika asafo no wɔ mu ho.Yei nti, Paulo krataa a ɛdi kan a ɔde kɔmaa Tesalonikafoɔ no yɛ nkuranhyɛ ne awerɛkyekyerɛ a ɔde ma Akristofoɔ a ɛwɔ hɔ no. Ɔdaa ase ɛsiane nkra a ɔte faa wɔn gyidie ne wɔn dɔ ho. Ɔkae wɔn asetena a ɔne wɔn tenaeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔwɔ wɔn nkyɛn no, na ɔyii nsɛmmisa bi a na asɔre wɔ asafo no mu, a ɛfa Kristo mmaeɛ no ho ano. Ogyidini a ɔbɛwu ansa na Kristo aba no bɛtumi anya kyɛfa wɔ daa nkwa a ne ba no de bɛba no mu anaa? Da bɛn na Kristo bɛsane aba bio? Paulo faa saa akwannya yi so kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ komm nyɛ adwuma na wɔmfa anidasoɔ ntwɛn Kristo mmaeɛ no.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1Aseda ne ayeyie 1.2—3.13Kristoni su ho afotuo 4.1-12Nkyerɛkyerɛ a ɛfa Kristo ba ho 4.13—5.11Afotuo a ɛdi akyire 5.12-22Awieeɛ 5.23-28