Nahum 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ninewe asodie ne n’asotwe

1 Hes 24.6, 9 Due, mogya kuro!

Wo a apoobɔ ne awudie ayɛ wo mu ma

na fomfa to ntwa da wɔ wo mu.

2Ɔpɔnkɔ abaa gyegye, teaseɛnam nan yɛ kirididi,

apɔnkɔ fa mmirika, nteaseɛnam hurihuri.

3Apɔnkɔsotefoɔ nam so reba,

afena te nyinamnyinam, na pea pa sɛ ɔsraman,

atɔfoɔ dɔɔso,

awufoɔ dodoɔ yɛ duru

na afunu nni ano;

wɔsuntisunti wɔn afunu no.

4 Yes 23.16; Adi 17 Yei nyinaa firi Ninewe,

odwamamfoɔ hoɔfɛfoɔ ntafowayifoɔ no adwamammɔ dodoɔ no,

ɔno na ɔde n’adwamammɔ tɔn amanaman,

na ɔde ne ntafowayie tɔn mmusuakuo.

5 Yes 47.3 Hwɛ, me ne wo anya,

asafo AWURADE asɛm nie,

na mɛyi w’atadeɛ mmuano afa w’anim,

na mama amanaman ahunu w’adagya,

na ahennie aman ahunu w’ahohora.

6Na mɛto atantanneɛ agu wo so,

na magu w’anim ase,

na mede wo mayɛ ahwɛdeɛ.

7Na obiara a ɔbɛhu woɔ no bɛdwane wo, na waka sɛ:

Ninewe adane kurofo! Hwan na ɔbɛdi ne ho abooboo?

Ɛhe na mɛhwehwɛ awerɛkyekyefoɔ mama woɔ?

Ahantan ne adenya ho nni mfasoɔ

8 Yer 46.25 Woyɛ sene No-Amon

a ɔte asutene ntam

a nsuo nko atwa ne ho ahyia

a n’aban ne ɛpo

na wɔde ɛpo ayɛ ɛho fasuo no anaa?

9Etiopia ne Misraimfoɔ yɛ ne dɔm

a ɛyɛ den na wɔnni ano; afei nso,

Put ne Libiafoɔ nso di boaa wo.

10 Yoel 3.3 Yei nyinaa akyi no,

wɔfaa no kɔɔ nnommum mu,

ne mmotafowa nso, wɔde wɔn abobɔ

mmorɔno nyinaa ntweaso akunkum wɔn,

na wɔtwee n’animuonyamfoɔ so ntonto,

na wɔguu ne nnipa akɛseɛ nyinaa mpokyerɛ.

11 Yer 25.15 Wo nso ahohiahia bɛboro

wo na woayera mu,

na wobɛhwehwɛ

dwanekɔbea ɔtamfoɔ anim.

12W’aban a ɛyɛ den nyinaa bɛyɛ sɛ borɔdɔma nnua

a ɛso wɔ adɔmakan,

sɛ wɔwoso a,

ɛtotɔ odifoɔ anomu.

13Hwɛ, w’akofoɔ

ayɛ mmaa wɔ wo mu,

bue na wɔabue w’asase apono

ama w’atamfo,

ogya ahye w’apono akyiri adaban.

14Sesa nsuo sie ma ntua no,

miamia w’abandenden mu!

Tia dɔteɛ mu wɔ ɛboɔ,

miamia ntaayaa fononoo no mu.

15 Yoel 1.4 Ɛhɔ ara na ogya bɛhye woɔ,

afena bɛtwa wo

adi wo sɛ ntutummɛ,

mpo sɛ wo dodoɔ te sɛ ntutummɛ,

na wo dɔɔso sɛ mmɛbɛ a.

16Woama w’adwadifoɔ adɔɔso

asene ɔsoro nsoromma;

nanso te sɛ ntutummɛ no wɔgu so fom fa na wɔtu kɔ.

17W’asafohene te sɛ mmɛbɛ,

na wo dɔm a woapɔn wɔn te sɛ mmɛbɛ akuakuo

a wɔsensam ban ho ban ho

awɔ da;

owia firi a, wɔtu kɔ

a obiara biara nnim faako a wɔkorɔ.

18W’ahwɛfoɔ afa mu adeda,

O Asiriahene,

w’animuonyamfoɔ deda hɔ;

wɔabɔ wo man apete mmepɔ so,

na ɔnoboafoɔ nni hɔ.

19Wo kuro nni asayɛ,

wo pira no mu yɛ den;

obiara a ɔte wo nka no

bɔ ne nsam gu wo so,

ɛfiri sɛ hwan koraa so na womfaa

wo daa daa haw no nkɔeɛ?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help