1Mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase,
anyame no anim mɛto wo dwom.
2 Dwom 26.8 Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no,
na mada wo din ase,
w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho,
sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.
3Da a mesu mefrɛeɛ no, wogyee me so,
wohyɛɛ me den maa me kra nyaa ahoɔden.
4 Yes 2.3 AWURADE, asase so ahemfo nyinaa bɛda wo ase,
sɛ wɔate w’anomu nsɛm.
5Na wɔbɛto AWURADE akwan ho dwom,
sɛ AWURADE animuonyam yɛ kɛseɛ.
6 Dwom 113.5 Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ,
na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.
7Menam ahohia mu a,
woma me nkwa,
wotene wo nsa m’atamfoɔ abufuo so,
na wo nifa gye me.
8 Flp 1.6 AWURADE bɛwie di ama me,
AWURADE, w’adɔeɛ wɔ hɔ daa,
wo nsa ano adwuma no, worennya no hɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
