Eksodɔs 13 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔde mmakan si hɔ ma AWURADE

1Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2Num 8.17-18; 18.15; Luka 2.23 Yɛ mmakan nyinaa, Israelfoɔ mu adeɛ biara a ɛbue yafunu ano wɔ nnipa ne afieboa mu, kronkron ma me, na me dea.

Apiti afahyɛ no

3Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monkae da yi a mofirii Misraim firii nkoa fie mu no, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii mo firii hɔ, na monnni mmɔreka paanoo.

4Eks 12.2 Ɛnnɛ da yi, bosome Abib mu na morefiri Misraim.

5Gye 17.8 Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.

6Eks 12.15-16 Nnanson na di apiti, na da a ɛtɔ so nson no, hyɛ fa ma AWURADE.

71 Ko 5.8 Wɔnni apiti nnanson no, na mma wɔnnhunu wo nkyɛn mmɔreka paanoo anaa mmɔreka w’asase baabiara.

8Na ɛda no, bɔ din kyerɛ wo ba sɛ: Deɛ AWURADE yɛɛ me berɛ a mefirii Misraim no ntira.

9Deut 6.8; 11.18 Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, na AWURADE mmara no atena w’anomu, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii wo firii Misraim.

10Enti di atorɔmudeɛ yi so wɔ ne berɛ mu afe daa.

Mmakan no

11Na sɛ AWURADE de wo duru Kanaanfoɔ asase so, sɛ deɛ ɔkaa wo ne wo nananom ntam, na ɔde ma wo a,

12yi adeɛ biara a ɛbue yafunu ano ma AWURADE, na w’afieboa a wowɔ no mma nyinaa a wɔbue yafunu ano a wɔyɛ anini, fa ma AWURADE.

13Na mfunumu mmakan nyinaa deɛ, fa odwan sesa, na sɛ woansesa a, bu ne kɔn mu. Na nnipa mmakan a wɔwɔ wo mmammarima mu nyinaa deɛ, sesa gye wɔn.

14Eks 12.26 Na sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Yei aseɛ ne sɛn a, ka kyerɛ no sɛ: Nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim nkoasom mu.

15Eks 12.29 Na Farao pirim n’akoma na ɔmpene sɛ ɔbɛma yɛakorɔ no, AWURADE kumm Misraim asase so mmakan nyinaa, ɛfiri nnipa mmakan so kɔsi afieboa mmakan so. Ɛno nti na me nso mede anini a ɛbue yafunu ano no nyinaa mebɔ AWURADE afɔdeɛ, nanso me mma mu mmakan nyinaa deɛ, mesesa agye wɔn.

16Na ɛnyɛ wo nsa so nsɛnkyerɛnneɛ ne w’aniwa ntam nkaeɛ adeɛ, sɛ nsa a ɛyɛ den na AWURADE de yii yɛn firii Misraim.

Mununkum dum ne ogya dum

17Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifoɔ asase so kwan a ɛnwareɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankɔhyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansane ankɔ Misraim.

18Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Mmɛwa Po ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe.

19Gye 50.25; Yos 24.32 Na Mose faa Yosef nnompe no, ɛfiri sɛ Yosef aka Israelfoɔ ntam sɛ: Hwɛ na Onyankopɔn bɛba abɛhwɛ mo, na momfa me nnompe mfiri ha nkɔ.

20Na wɔsii mu firii Sukot kɔkyeree nsraban wɔ Etam, wɔ ɛserɛ no ano.

21 Eks 40.34; Num 9.15-23; 1 Ko 10.1 Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo.

22Na mununkum dum no antwe ne ho na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfiri ɔman no anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help