1 Samuel 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

1Na ɛberɛ a Samuel bɔɔ akora no, ɔde ne mma sisii Israel so atemmufoɔ.

21 Be 6.28 Na n’abakan din de Yoel, na deɛ ɔka ho no de Abiya; wɔyɛɛ atemmufoɔ wɔ Beer-seba.

3Deut 16.19 Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.

Israelfoɔ hwehwɛ ɔhene

4 1 Sa 7.17 Ɛnna Israel mpanimfoɔ nyinaa hyia baa Samuel nkyɛn wɔ Rama

5Deut 17.14; Hos 13.10; Aso 13.21 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.

6Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkaa sɛ: Ma yɛn ɔhene na ɔnni yɛn so no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpaeɛ.

7Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

8Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

9Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.

10Na Samuel kaa AWURADE nsɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no a wɔbisaa ne hɔ ɔhene no.

11Na ɔkaa sɛ: Yei ne ɔhene a ɔbɛdi mo soɔ no atemmudeɛ: Ɔbɛfa mo mmammarima de wɔn akɔ ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ mu, na wama wɔatu mmirika adi ne nteaseɛnam anim sɛ awɛmfoɔ,

12na ɔde wɔn asisi mpempem so asafohene ne aduonum so asafohene afa, na wama wɔadɔ n’asase na wɔatwa ne nnɔbaeɛ, na wɔayɛ n’akodeɛ ne ne nteaseɛnam ho adeɛ.

13Na ɔbɛfa mo mmammaa ayɛ adufrafoɔ ne soodofoɔ ne paanootofoɔ.

14Na ɔbɛfa mo mfuo ne mo bobe nturo mu deɛ ɛyɛ de ama ne nkoa.

15Na ɔbɛgye mo ayufuo ne bobe nturo mu aba mu ntotosoɔ du du de ama gyaasefoɔ ne ne nkoa.

16Na ɔbɛfa mo nkoa ne mo mfenaa, ne mo mmeranteɛ a wɔn ho tua wɔn ho, ne mo mfunumu de ayɛ n’adwuma.

17Ɔbɛgye mo nnwan mu ntotosoɔ du du. Na mobɛyɛ ne nkoa.

18Na da no, mo hene a moayi no adi mo soɔ no nti mobɛsu afrɛ, nanso AWURADE remmua mo da no.

19Na ɔman no ampene sɛ wɔtie Samuel, na wɔkaa sɛ: Dabi, na ɔhene ara na ɔnni yɛn soɔ,

20na yɛn nso yɛnyɛ sɛ amanaman nyinaa, na yɛn hene no mmu yɛn atɛn, na ɔmfiri adi nni yɛn anim nni ako mma yɛn.

21Na Samuel tee ɔman no nsɛm nyinaa no, ɔka guu AWURADE aso mu.

221 Sa 8.7, 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si hene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ: Monkɔ mo nkuro mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help