Numeri 28 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Daa afɔdeɛ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Lew 21.6 Hyɛ Israelfoɔ no na ka kyerɛ wɔn sɛ: M’ayɛyɛdeɛ, m’aduane a wɔde bɔ ogya afɔdeɛ ma no yi ehwa hwanhwam ma me no, monhwɛ na momfa mmrɛ me ne berɛ a ɛsɛ mu.

3 Eks 29.38-42 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Ogya afɔdeɛ a momfa mmrɛ AWURADE nie: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu na wɔmfa mmɔ da koro hyeɛ afɔdeɛ daa.

4Adwammaa baako na fa bɔ anɔpa, na fa adwammaa baako no bɔ anwummerɛ deɛ.

5Lew 2.1 Na fa esiam olonka abupɛn du mu baako yɛ aduane afɔdeɛ a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo susutoa abupɛn nnan mu baako afɔre.

6Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ a wɔhyehyɛeɛ wɔ Sinai bepɔ soɔ a ɛyi hwa hwanhwam a ɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ.

7Na n’ahwiesa susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa baako ho. Kronkronbea hɔ na hwie nsa a wɔhwie no ma AWURADE.

8Na adwammaa a ɔtɔ so mmienu no, fa bɔ anwummerɛ deɛ, na fa aduane afɔdeɛ ne n’ahwiesa ka ho sɛ anɔpa deɛ no ma no nyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Homeda afɔdeɛ

9 Mat 12.5 Na homeda deɛ, nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe a wɔdi mu ne aduane afɔdeɛ esiam olonka abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre ne ɛho ahwiesa.

10Homeda biara hyeɛ afɔdeɛ a ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no ho ne no.

11 Num 10.10 Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;

12Num 28.20, 28; 15.2-13 na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmiɛnsa a wɔde ngo afɔre nka nantwinini baako ho, na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho,

13na aduane afɔdeɛ esiam abupɛn du mu baako a wɔde ngo afɔre nka odwennini baako ho, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam a wɔhye ma AWURADE ne no.

14Na ɛho ahwiesa, bobesa susutoa fa nka nantwinini biara ho, na susutoa abupɛn mmiɛnsa mu baako nka odwennini no ho, na susutoa abupɛn nnan mu baako nka adwammaa biara ho. Yei ne bosome biara hyeɛ afɔdeɛ, afirinhyia abosome no mu.

15Num 28.22 Na wɔmfa ɔpapo baako nso mmɔ bɔne ho afɔdeɛ mma AWURADE nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho ne ɛho ahwiesa ho.

Twam afahyɛ afɔdeɛ

16 Lew 23.5-14 Na bosome a ɛdi kan da a ɛtɔ so dunan no yɛ AWURADE Twam.

17Na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ dapɔnna, nnanson na wɔnni apiti paanoo.

18Num 28.25-26 Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;

19na momfa ogya afɔdeɛ a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe; monhwɛ sɛ wɔdi mu;

20Num 28.12 ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako ho, na abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

21na abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu biara ho;

22Num 28.15 ne bɔne ho afɔdeɛ papo baako a wɔde bɛpata ama mo;

23monyɛ yeinom nka anɔpa ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho.

24Saa ara na nnanson no mu da biara momfa aduane mmɛbɔ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE; wɔnyɛ yei mpae daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho ahwiesa no so.

25Na da a ɛtɔ so nson no, monhyia nhyia kronkron. Monnyɛ adwumaden biara.

26 Lew 23.15-21 Na sɛ mo adapɛn afahyɛ duru a, aduanekan da a mode mo aduane foforɔ afɔdeɛ rebrɛ AWURADE no, monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara;

27na momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmra na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako ne nnwanten mma nson a wɔadi afe afe;

28ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam a wɔde ngo afɔre abupɛn du mu mmiɛnsa nka nantwinini baako biara ho, abupɛn du mu mmienu nka odwennini no ho,

29abupɛn du mu baako nka nnwammaa nson no mu koro biara ho;

30Num 28.15 ne ɔpapo baako a wɔde bɛpata ama mo;

31monyɛ yei ne ɛho ahwiesa no nka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ no ho; monhwɛ sɛ wɔdi mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help