Nehemia 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔfoɔ ne Lewifoɔ din

1 Esra 2.2 Na yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba Serubabel ne Yesua foro baeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra,

2Amaria, Maluk, Hatus,

3Sekania, Rehum, Meremot,

4Luka 1.5 Ido, Ginetoi, Abia,

5Miamin, Maadia, Bilga,

6Semaia, Yoiarib, Yedaia,

7Salu, Amok, Hilkia, Yedaia. Yeinom ne asɔfoɔ no ne wɔn nuanom atitire, Yesua berɛ so.

8 Neh 11.17 Na Lewifoɔ no: Yesua, Binui, Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a ɔdi aseda nnwom no soɔ, ɔne ne nuanom,

9na Bakbukia ne Uno, wɔn nuanom, di wɔn ntentensoɔ, ɔwɛn no mu.

10Neh 12.1, 26; 3.1, 20 Na Yesua woo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib, na Eliasib woo Yoiada,

11na Yoiada woo Yonatan, na Yonatan woo Yadua.

12Na Yoiakim berɛ so no, na asɔfoɔ no agyanom atitire nie: Seraia fam, Meraia; Yeremia deɛ: Hanania;

13Esra deɛ: Mesulam; Amaria deɛ: Yehohanan;

14Maluki deɛ: Yonatan; Sebania deɛ: Yosef;

15Harim deɛ: Adna; Meraiot deɛ: Helkai;

16Ido deɛ: Sakaria; Gineton deɛ: Mesulam;

17Abia deɛ: Sikri; Miniamin deɛ, Moadia deɛ: Piltai;

18Bilga deɛ: Samua; Semaia deɛ: Yehonatan;

19Yoiarib deɛ: Matenai; Yedaia deɛ: Usi;

20Salai deɛ: Kalai; Amok deɛ: Eber;

21Hilkia deɛ: Hasabia: Yedaia deɛ: Natanel.

22 Neh 12.10-11 Lewifoɔ no: Eliasib, Yoiada, Yohanan ne Yadua berɛ so na wɔtwerɛɛ agyanom atitire no, asɔfoɔ no nso, wɔtwerɛɛ wɔn deɛ Persiani Dario ahennie so.

23Lewi mma, agyanom atitire no, wɔatwerɛ no berɛsosɛm nwoma no mu de abɛsi Eliasib ba Yohanan berɛ so.

241 Be 25; 2 Be 29.25 Na Lewifoɔ mu atitire: Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔdi wɔn ntentensoɔ no yi ayɛ da ase sɛdeɛ Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ no, awɛmfoɔ kuo ne kuo:

25Neh 11.17, 19; 2 Be 8.14; 1 Be 26.15, 17 Matania, Bakbukia, Obadia; Mesulam, Talmon, Akub a wɔwɛn apono ano ahwɛfoɔ wɛn, apono anoboadan no mu.

26Neh 12.10; 1 Be 6.14-15; Neh 5.14; Esra 7.1-6 Yeinom wɔ Yosadak ba Yesua ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne Ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ no berɛ so.

Ɔfasuo no dwira

27Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.

28Na nnwontofoɔ mma no boaa wɔn ho ano hyiae firi Yerusalem ho kanko no mu ne Netofafoɔ nkuraase,

29ne Bet-gilgal ne Geba mfofowa so ne Asmawet, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no abobɔ nkuraa de atwa Yerusalem ho ahyia.

30Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman ne kuro apono ne afasuo no.

31 Neh 2.13; 3.13 Na memaa Yuda mmapɔmma no foroo ɔfasuo no, na mede aseda asafokuo akɛseɛ mmienu a wɔnam yuu sisii hɔ, baako faa nifa ɔfasuo no so de kɔɔ Sumina Pono no ano,

32na Hosaia ne Yuda mmapɔmma fa dii wɔn akyi kɔe

33ne Asaria, Esra ne Mesulam,

34Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia,

35ne asɔfoɔ mma no mu binom a wɔkurakura ntotorobɛnto, Yonatan ba Sakaria, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba,

36ne ne nuanom, Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Natanel ne Yuda, Hanani, wɔkurakura Nyankopɔn nipa Dawid nsankuo no, na Ɔtwerɛfoɔ Esra di wɔn anim.

37Neh 3.26 Na nsuo Aniwa Pono no so ne wɔn ntentensoɔ no wɔforoo Dawid kuro aforoeɛ no, ɔfasuo no aforoeɛ no so, Dawid fie no atifi de kɔsii Nsuo Pono no ano apueeɛ.

38 Neh 3.11 Na aseda asafokuo a ɛtɔ so mmienu no kɔɔ wɔn ntentensoɔ, na me nso medii wɔn akyi, ne ɔman no fa no, ɔfasuo no so de kɔfaa Afononoo Abantenten no so de kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no so,

39de kɔfaa Efraim Pono ne Ɛpono Dada ne Mpataa Pono ne Hananel Abantenten ne Ɔha Abantenten no so de kɔsii Nnwan Pono no ano, na wɔkɔgyinaa Nneduadan Pono no ano.

40Ɛnna aseda asafokuo mmienu no kɔgyinaa Nyankopɔn fie, me ne mmapɔmma no fa a wɔka me ho,

41ne asɔfoɔ no: Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto;

42ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.

43Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ da no, na wɔn ani gyee, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de anigyeɛ kɛseɛ agye wɔn ani; na mmaa ne mmɔfra nso ani gyee, na wɔtee Yerusalem anigyeɛ no nka akyirikyiri.

Asɔrefie akyɛdeɛ so ahwɛfoɔ

44 Neh 10.36; 13.5 Na ɛda no ara wɔde mmarima bi sisii akoradeɛ ne mmasoɔ adeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du mpia no so, sɛ wɔmmoaboa nkuro no mfuo mu kyɛfa a mmara no hyɛeɛ no ano ngu mu mma asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ɛfiri sɛ Yuda nyaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔsisii wɔn no ho anigyeɛ.

45Na wɔyɛɛ wɔn Nyankopɔn som adwuma ne ahodwira ho som adwuma sɛ nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso, sɛdeɛ Dawid ne ne ba Salomo hyɛeɛ no.

461 Be 25 Na tete no, Dawid berɛ so no, na Asaf ne nnwontofoɔ ne Nyankopɔn ayeyie ne aseda so otitire.

47Neh 10.38 Na Serubabel ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa memaa nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no kyɛfa, da biara ne ne deɛ, na wɔde akronkronneɛ maa Lewifoɔ, na Lewifoɔ no nso de akronkronneɛ maa Aaron mma.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help