1Mɛma wo so, me Nyankopɔn, ɔhene,
na mɛhyira wo din daa daa.
2Mɛhyira wo daa nyinaa,
na mɛyi wo din ayɛ daa daa.
3AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse,
ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.
4Awoɔ ntoatoasoɔ kamfo wo nnwuma kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ,
na wɔka wo mmaninneɛ.
5Mɛdwene w’animuonyam a ɛhran no kɛseyɛ
ne w’anwanwasɛm no ho.
6Na wɔka wo nneyɛɛ a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm,
na mɛka w’ade kɛseɛ makyerɛ.
7Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkaeɛ,
na wɔto wo tenenee ho ahurisie dwom.
8 Eks 34.6 AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ,
ne bo kyɛre fu na n’adɔeɛ so.
9 Rom 11.32 AWURADE yɛ ma nnipa nyinaa,
na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.
10AWURADE, wo nnwuma nyinaa da wo ase,
na w’ahotefoɔ hyira wo.
11Wɔka w’ahennie animuonyam,
na wɔbɔ wo mmaninyɛ din,
12 Dwom 145.5 sɛ wɔbɛma nnipa mma ahunu ne mmaninneɛ
ne n’ahennie animuonyam a ɛhran no.
13W’ahennie yɛ daa ahennie,
na wo tumidie fa awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
14 Dwom 146.8; Luka 1.52 AWURADE wowa wɔn a wɔhwe aseɛ nyinaa,
na ɔma wɔn a wɔakotoɔ nyinaa so gyina.
15 Dwom 104.27-28; 136.25 Ani nyinaa hwɛ wo kwan,
na woma wɔn wɔn aduane ne berɛ mu.
16Wobue wo nsam,
na woma ateasefoɔ nyinaa nya deɛ wɔpɛ di mee.
17 Deut 32.4 AWURADE tene, n’akwan nyinaa mu,
na ɔyɛ adɔeɛ ne nnwuma nyinaa mu.
18AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa,
wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.
19 Mmb 10.24 Ɔyɛ deɛ wɔn a wɔsuro no no pɛ ma wɔn,
na ɔtie wɔn sufrɛ, na ɔgye wɔn.
20AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so,
na abɔnefoɔ nyinaa deɛ, ɔbɛsɛe wɔn.
21M’ano bɛka AWURADE ayeyie,
na ma honam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
