Kwadwom NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUKwadwom nwoma no yɛ anwonsɛm nnum bi a wɔboaboaa ano a wɔde suu ɔsɛeɛ a wɔsɛee Yerusalem wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrewo Yesu no mu. Wɔde anwonsɛm no sane suu bu a wɔbubuu Yerusalem guu fam ne fa a wɔfaa emufoɔ no nnommum nso. Awerɛhosɛm a nwoma yi fa kɛseɛ ka ho asɛm no akyi no, yɛhu sɛ Onyankopɔn mu gyidie ne anidasoɔ wɔ hɔ daakye. Yudafoɔ no de saa anwonsɛm yi somm wɔ afe no mu nna a wɔde di mmuada ne awerɛhoɔ de kae atoyerɛnkyɛm a ɛbaa ɔman no so wɔ afe ahanum aduɔwɔtwe nsia (586) ansa na wɔrebɛwo Yesu no mu.EMU NSƐMYerusalem awerɛhosɛm 1.1-22Yerusalem asotwe 2.1-22Asotwe ne anidasoɔ 3.1-66Yerusalem sɛeɛ 4.1-22Mmɔborɔhunu ho mpaebɔ 5.1-22
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help