Nnwom 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NWOMA A ƐDI KAN(Nnwom 1—41)Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ

1 Dwom 119.1; 26.4; Mmb 4.14; Yer 15.17 Nhyira ne onipa a

ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu,

na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ,

na ɔntena fɛdifoɔ tenabea,

2 Dwom 119.35, 47, 70, 97; Yos 1.8; Deut 6.7 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho,

na ɔdwene ho awia ne anadwo.

3 Dwom 92.12-15; Yer 17.8 Ɔte sɛ dua

a atim asubɔnten ho

a ɛso n’aba ne berɛ mu,

na n’ahahan mpo,

na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.

4 Dwom 35.5; Hiob 21.18; Hos 13.3 Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa,

na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.

5Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu,

na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.

6 Dwom 37.18; Hiob 23.10; 2 Ti 2.19 Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan,

na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help