Lewitikɔs 23 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

AWURADE afahyɛ ahodoɔ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ ɛnyɛ nhyia kronkron, m’afahyɛ nna no nie.

3 Eks 20.8-11 Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.

4 Eks 23.14-19 Yeinom ne AWURADE afahyɛ, nhyia kronkron a mompae ne mmerɛ mu no:

5 Eks 12 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ yɛ AWURADE twam;

6na bosome no ara da a ɛtɔ so dunum no yɛ AWURADE apiti afahyɛ, nnanson na monni apiti.

7Da a ɛdi kan no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

8Na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE nnanson; da a ɛtɔ so nson no monhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

9Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

10Kasa kyerɛ Israelfoɔ na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru asase a mede merema mo no so na motwa ɛso nnɔbaeɛ a, momfa mo nnɔbaeɛ fi a ɛdi kan no mmrɛ ɔsɔfoɔ;

11Mat 28.1; 1 Ko 15.20 na ɔnhim efi no AWURADE anim, na ɛnsɔ ani mma mo; homeda no, adeɛ kye a, na ɔsɔfoɔ no nhim.

12Na ɛda a mohim efi no, momfa odwanten ba a ɔdi mu a wadi afe mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE,

13ne ɛho aduane afɔdeɛ, esiam abupɛn du mu mmienu a wɔde ngo afɔre, na ɛnyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ne ɛho ahwiesa, bobesa susutoa abupɛn nnan mu baako.

14Na monnni paanoo anaa ayuo a wɔato anaasɛ wɔasie kɔsi da no ara a mode mo Nyankopɔn ayɛyɛdeɛ reba no. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.

15 Eks 23.16; 34.22; Num 28.26-31; Deut 16.9-12 Na monkan nna mfa mfiri homeda no akyiri da, da a mode ohim fi no ba no ɛnyɛ nnawɔtwe nson pɛpɛɛpɛ.

16Monkan adaduonum nkɔsi homeda a ɛtɔ so nson no akyiri da so ansa na mode aduane afɔdeɛ foforɔ abrɛ AWURADE.

17Momfa ohim paanoo mmienu mfiri mo tenabea mmra; esiam abupɛn du mu mmienu mmɔreka na wɔmfa nto, na ɛnyɛ aduanekan mma AWURADE.

18Na momfa nnwanten mma nson a wɔdi mu a wɔadi afe afe ne nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu nka paanoo no ho; wɔnyɛ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ ne ɛho aduane afɔdeɛ ne ahwiesa, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

19Na momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔdeɛ ne nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe mmɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.

20Na ɔsɔfoɔ no nhim wɔn ne aduanekan paanoo no ne nnwanten mma mmienu no na ɛnyɛ AWURADE anim ohim afɔdeɛ: Ɛnyɛ kronkron mma AWURADE na wɔmfa mma ɔsɔfoɔ no.

21Na monhyia da no ara; ɛnyɛ mo nhyia kronkron, monnyɛ adwuma den biara. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo tenabea nyinaa mu, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

22Lew 19.9 Na sɛ motwa mo asase so nnɔbaeɛ a, nwie w’afuo nkwanseɛ deɛ twa, na nni wo nnɔbaeɛ no mu mpɛpɛ: Gya ma ohiani ne ɔhɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

23Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

24Num 29.1-6; 10.10 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;

25monnyɛ adwumaden biara, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE.

26Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

27Lew 16 Bosome a ɛtɔ so nson yi ara da a ɛtɔ so du ne mpata da; monhyia nhyia kronkron, na mommrɛ mo ho ase na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE.

28Na ɛda no monnyɛ adwuma biara, ɛfiri sɛ ɛyɛ mpata da a wɔpata ma mo, AWURADE mo Nyankopɔn anim.

29Na obiara a ɔmmrɛ ne ho ase da no no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

30Na onipa biara a ɔyɛ adwuma bi saa da no no, mɛsɛe saa onii ko no afiri ne man mu.

31Monnyɛ adwuma biara; ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ, mo tenabea nyinaa mu.

32Ɛyɛ home mu homeda ma mo, na mommrɛ mo ho ase bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ; monni mo homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.

33Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

34Eks 23.16; 34.22; Num 29.12-39; Deut 16.13-15 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson yi da a ɛtɔ so dunum no yɛ asese afahyɛ nnanson ma AWURADE.

35Da a ɛdi kan no yɛ nhyia kronkron; monnyɛ adwumaden biara.

36Yoh 7.37 Nnanson na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; da a ɛtɔ so nwɔtwe no nyɛ mo nhyia kronkron, na momfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE; ɛyɛ afahyɛ awieeɛ, monnyɛ adwumaden biara.

37Yeinom ne AWURADE afahyɛ ahodoɔ a mompae sɛ wɔnhyia nhyia kronkron no, na wɔmfa ogya afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne kum afɔdeɛ ne ahwiesa, ebiara wɔ ne da mu.

38Ɛsono AWURADE home nna no, na ɛsono mo ayɛyɛdeɛ, na ɛsono mo aboadeɛ nyinaa, na ɛsono mo ayamyi adeɛ nyinaa a mode ma AWURADE no.

39Nso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum a moreboa asase so nnɔbaeɛ ano no, monni AWURADE nnapɔnna nnanson: Da a ɛdi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ homeda.

40Neh 8.14-16 Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson.

41Na momfa nni nnapɔnna mma AWURADE, nnanson daa afe. Ɛyɛ daa ahyɛdeɛ ma mo awoɔ ntoatoasoɔ; bosome a ɛtɔ so nson no mu na monni nnapɔnna yi.

42Asese mu na montena nnanson, Israel man mma nyinaa ntena asese mu,

43na mo awoɔ ntoatoasoɔ ahunu sɛ meyii Israelfoɔ firii Misraim asase soɔ no, asese mu na memaa wɔtenaeɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.

44Na Mose paee AWURADE afahyɛ no kyerɛɛ Israelfoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help