Nnwom 121 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel hwɛfoɔƆsoroforɔ dwom.

1 Dwom 26.6-8 Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no,

ɛhe na me mmoa firi bɛba?

2Me mmoa firi AWURADE,

ɔsoro ne asase yɛfoɔ no.

3Ɔremma wo nan nwatiri,

deɛ ɔhwɛ woɔ no rentɔ nko.

4Hwɛ, deɛ ɔhwɛ Israel no,

ɔrento nko, na ɔrenna.

5AWURADE ne wo hwɛfoɔ,

AWURADE ne wo nwunu,

wo nsa nifa so.

6 Sak 4.7 Owia renhye wo awia,

anaa ɔsrane, anadwo.

7AWURADE bɛhwɛ wo so bɔne nyinaa ho,

ɔbɛhwɛ wo kra so.

8AWURADE bɛhwɛ

w’adifire ne wo fieba so

afiri seesei de akɔsi daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help