1 Yes 39.6 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE akyɛ w’asadeɛ wɔ wo mu.
2Sak 12.3 Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kuro no, na wɔafom afie no afa, na wɔagu mmaa no ho fi, na kuro no fa afiri akɔ atukorɔ mu, na ɔman no nkaeɛ deɛ, wɔrentwitwa wɔn mfiri kuro no mu.
3Adi 19.19 Na AWURADE bɛfiri adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne ko da no.
4Na ɛda no ne nan bɛsisi Ngo-Bepɔ a ɛda Yerusalem ntentensoɔ apueeɛ fam no so, na Ngo-Bepɔ mfimfini bɛpae mmienu afiri apueeɛ fam akɔsi atɔeɛ fam, na ayɛ bonhwa kɛseɛ pa ara, na bepɔ no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafoɔ fam.
5Amos 1.1 Na mobɛdwanedwane akɔ me mmepɔ bonhwa mu, na mmepɔ bonhwa no bɛduru Asal tɔnn, na mobɛdwane sɛdeɛ modwanee asasewosoɔ no anim, Yudahene Usia berɛ soɔ no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfoɔ nyinaa bɛka ne ho.
6Na ɛda no awɔ anaa nsukyeneeɛ remma.
7Mar 13.32 Na ɛbɛyɛ da koro a adesaeɛ nni mu (AWURADE na ɔnim), awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummerɛ mpo na hann wɔ hɔ.
8 Hes 47.1-8 Na ɛda no nkwa nsuo bɛtue afiri Yerusalem, emu fa bɛkɔ apueeɛ fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔeɛ fam po no mu, ahuhuberɛ ne awɔberɛ mu na ɛbɛba.
9 Dwom 97.1; Adi 11.15 Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua.
10 Yer 31.38 Asase no nyinaa bɛdane ayɛ sɛ Araba mpaperɛ so afiri Geba akɔsi Rimon a ɛwɔ Yerusalem anafoɔ fam no, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afiri Benyamin ponkɛseɛ ano de akɔsi kane ponkɛseɛ no siberɛ de akɔsi ntweaso ponkɛseɛ no ano, na afiri Hananel abantenten no ho de akɔsi ɔhene nsa-kyi-amena no ho.
11Adi 22.3; Yer 33.16 Na wɔbɛtena mu a abusudeɛ biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo.
12Na ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa no nie: Wɔda so gyinagyina wɔn anan soɔ no, wɔn honam bɛporɔ, na wɔn ani aporɔ wɔn anikankyi mu, na wɔn tɛkyerɛma aporɔ wɔn anomu.
13Na ɛda no AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asosɔ wɔn nsam, na ɔbaako ama ne nsa so atia ne yɔnko nsa.
14Na Yuda nso bɛko atia Yerusalem, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa adeɛ dodoɔ ano, sika ne dwetɛ ne ntoma bebree pa.
15Na apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ, yoma, mfunumu ne mmoa a wɔwɔ nsraban no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara.
16 Sak 14.9 Na amanaman a wɔbaa Yerusalem soɔ no nyinaa mu nkaeɛ no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahwɛ asese fa no.
17Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osuo rentɔ wɔn soɔ.
18Na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; ɔhaw a AWURADE de bɛha amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn soɔ.
19Yei na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe.
“Kronkron ma AWURADE”20 Eks 28.36 Ɛda no wɔbɛtwerɛ apɔnkɔ nnawa so sɛ: “KRONKRON MA AWURADE”! Na AWURADE fie nkukuo no bɛyɛ sɛ afɔrebukyia no anim nkoraa no;
21Adi 21.27 na Yerusalem ne Yuda nkukuo nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE fie bio ɛda no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.