1Odiyifoɔ Habakuk mpaebɔ wɔ Shigionot so.
2AWURADE, mate wo nka, masuro;
O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu;
ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu;
w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.
3
N’animuonyam kata ɔsoro,
na n’ayeyie yɛ asase so ma.
4Ne hyerɛn te sɛ owia hann,
nsesaeɛ wowɔ ne ho,
na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ.
5Ɔyaredɔm a ɛpra di n’anim,
na yadeɛ a ɛhyehyeɛ firi di ne nan ase.
6
Wopaapae asase mu yɛ no nsubɔntene.
10
14Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim,
wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete,
wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.
15Wode wo apɔnkɔ si po mu,
nsuo pii a ɛhuro no mu.
16Metee na me yafunum popoe,
m’ano saa biribiri, ɛnne no ho;
ɔporɔ hyɛnee me nnompe mu,
na m’ase popoe,
nanso meretena ase komm atwɛn ahohiahia da no
na mahwɛ deɛ ɔbɛyɛ ɔman a wɔbɛtoaa yɛn no.
AWURADE mu anidasoɔ17Na borɔdɔma rengu nhyerɛne,
na aba biara nni abobe so;
na ngodua soɔ di hwammɔ,
na mfuo mma aduane,
na nnwan to twa firi ban mu,
na nantwie biara nni adan mu mpo a,
18 Yes 61.10 me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie,
na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.
19 Dwom 18.33 ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden;
na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ,
na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea.
Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
