Yesaia 32 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔman no ahotɔ

1 Yer 23.5 Hwɛ, tenenee mu na ɔhene bi bɛdi hene,

na asafohene nso, atemmuo mu na wɔbɛdi asafohene;

2na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea

ne osuo ano dwanekɔbea,

sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa,

sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.

3Na wɔremfira adehunufoɔ ani,

na wɔn a wɔte asɛm aso bɛbue;

4 Yes 35.6 na wɔn a wɔn akoma pere wɔn no bɛyɛ nhunumufoɔ

na dodoworofoɔ tɛkyerɛma akasa turodoo a emu teɛ.

5Wɔremfrɛ ogyegyentwie sɛ bapɔmma bio,

na wɔrenka sɛ ɔdaadaafoɔ yɛ ɔdɛɛfoɔ.

6Na ogyegyentwie ka agyegyentwisɛm

na ɔdwene amumuyɛsɛm,

sɛ ɔbɛdi ahuhusɛm

na waka AWURADE ho asɛm a ɛnyɛ,

sɛ ɔbɛma deɛ ɔdi kɔm kra ada mpan,

na wama anonneɛ abɔ deɛ sukɔm de no.

7 Mmb 29.4 Na ɔdaadaafoɔ adeɛ yɛ bɔne,

ɔbɔ ne tirim pɔ bɔne,

sɛ ɔde atorosɛm bɛsɛe mmɔborɔni

ne ohiani sɛ ɔka nokorɛ mpo a.

8Na ɔdɛɛfoɔ dwene ayamyɛ,

na ayamyɛ ara na ɔde gyina.

Mmaa no adwotwa

9 Yes 3.16—4.1 Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, monsɔre ntie me!

Mmammaa a mo ho dwo mo ho no, monyɛ aso mma m’asɛm.

10Afe ne akyire nna bi mu no,

mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo,

na bobe abateɛ to bɛtwa,

nnuaba anoboa remma bio.

11Mo mmaa a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nwoso,

mo a mo ho dwo mo, mo ho mpopo!

Mompa mo ho, monyɛ kwaterekwa,

momfa ayitoma mmobɔ mo asene.

12Mommobɔ mo koko wɔ mfuo fɛfɛ no nti,

bobe nnua a ɛso pii no ntira.

13Nkasɛɛ ne nwerɛ fu

me man asase no so,

aane, anigyeɛ kuro no mu anigyeɛ

adan nyinaa so mpo.

14Na aban fɛfɛ bo bɛda mpan,

wɔbɛgya kuro a nnipa dɔɔso wɔ mu no,

ne kokoɔ ne ɔwɛn aban

bɛdane atu de akɔsi daa,

ɛserɛ so mfunumu anika

ne mmoakuo adidibea.

15 Yes 44.3; Yoel 2.28; Yes 29.17 Ɛde rekɔsi sɛ wɔbɛfiri soro ahwie honhom no agu yɛn soɔ,

na ɛserɛ so adane asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ,

na wɔabu asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no sɛ kwaeɛ;

16na atemmuo bɛtena ɛserɛ so,

na tenenee nso atena asasebereɛ a ɛma nnɔbaeɛ no mu;

17na tenenee no nneyɛɛ bɛyɛ asomdwoeɛ,

na tenenee so aba ayɛ kommyɛ ne ahotosoɔ akɔsi daa;

18na me man bɛtena asomdwoeɛ fie,

ahotɔ tenabea, ne kommyɛ homebea.

19Na asukɔtweaa bɛgu da a kwaeɛ no bɛhwe fam no,

na wɔbɛbrɛ kuro no aseɛ korakora.

20Nhyira ne mo a mogu aba, nsuo nyinaa ho,

na moma nantwie ne afunumu kwan ma wɔkyinkyin.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help