Atemmufoɔ 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Otniel

1 Ate 2.22 Na yeinom ne amanaman a AWURADE gyaee wɔn sɛ ɔde bɛsɔ Israel a wɔanhunu Kanaan ko no biara no nyinaa ahwɛ no,

2sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Israel awoɔ ntoatoasoɔ no bɛhunu akodie na wɔakyerɛ wɔn a akane no na wɔnnim no:

3Yos 13.3 Filistifoɔ ahemfo baanum no ne Kanaanfoɔ ne Sidonfoɔ ne Hewifoɔ a wɔte Lebanon bepɔ soɔ de firi Baal-hermon bepɔ ho kɔsi Hamet ahyɛneeɛ no nyinaa.

4Na wɔtenaa hɔ na wɔde wɔn asɔ Israel ahwɛ de ahunu sɛ wɔbɛtie AWURADE mmara nsɛm a ɔnam Mose nsa so hyɛɛ wɔn agyanom no anaa.

5Na Israelfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu.

6Deut 7.3 Na wɔfefaa wɔn mmammaa warewaree na wɔde wɔn mmammaa memaa wɔn mmammarima awareɛ, na wɔsonsom wɔn anyame.

7Na Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔkɔsom Baalim ne Asera nnua.

8Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa Israel, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Mesopotamia hene Kusan-risataim nsa, na Israelfoɔ som Kusan-risataim mfirinhyia nwɔtwe.

9Ate 1.13 Na Israelfoɔ no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa Israelfoɔ no maa no gyee wɔn, Otniel, Kaleb nua kumaa Kenas ba.

10Ate 6.34 Na AWURADE honhom baa ne so, na ɔbuu Israel atɛn na ɔfirii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim hyɛɛ ne nsa, na ne nsa yɛɛ Kusan-risataim so den.

11Na asase no so dwoo mfirinhyia aduanan. Na Kenas ba Otniel wui.

Ehud

12Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne; na AWURADE hyɛɛ Moabhene Eglon den tiaa Israel, ɛfiri sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

13Ate 1.16 Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfoɔ ano kaa ne ho, na ɔba bɛkunkumm Israel, na wɔbɛfaa nkyiresua kuro no.

14Na Israelfoɔ som Moabhene Eglon mfeɛ dunwɔtwe.

15Ɛnna Israel mma no su frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa ɔgyefoɔ bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ɔyɛ abenkumma no. Na Israelfoɔ no de ayɛyɛdeɛ nam ne so kɔmaa Moabhene Eglon.

16Na Ehud yɛɛ sɛpɔ anofanu a ne tentene yɛ anammɔn baako ne fa, na ɔde bɔɔ n’akotadeɛ ase, ne dwonku nifa so.

17Na ɔde ayɛyɛdeɛ no kɔmaa Moabhene Eglon; nso na Eglon yɛ onipa brane pa ara.

18Na ɔde ayɛyɛdeɛ no maa no wieeɛ no, ɔgyaa nkurɔfoɔ a na wɔsoso ayɛyɛdeɛ no kwan maa wɔkɔe.

19Na ɔno ara deɛ, ɔdanee ne ho firii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkaa sɛ: Ɔhene, mewɔ ahuntasɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔhene no se: Komm! Na wɔn a wɔgyina ne ho nyinaa firii ne nkyɛn firii adi.

20Na Ehud baa ne nkyɛn, nso ɔno nko ara na na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kaa sɛ: Mewɔ Nyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo. Na ɔsɔre firii n’adwa so.

21Ɛnna Ehud tenee ne nsa benkum sɔɔ sɛpɔ a ɛwɔ ne dwonku nifa soɔ no mu de wɔɔ n’afuru mu,

22na sɛpɔ dua no nso dii dadeɛ no akyi hyɛnee mu, na sradeɛ sram dadeɛ no so. Na wantwe sɛpɔ no amfiri ne yafunu no mu, na ɛpue firii akyire.

23Na Ehud firii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apono mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu.

24Na ɔfiri adie no, ne nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, na wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wɔse: Ebia ɔkɔgya ne nan mframadan pia mu.

25Na wɔtwɛnee ara de kɔsii sɛ wɔn ani buiɛ, na hwɛ, obiara anhini abansoro dan no pono no. Ɛnna wɔfaa safoa de hiniiɛ, na hwɛ, na wɔn wura da fam awu.

26Na wɔretwentwɛn wɔn nan aseɛ no, Ehud dwanee, na ɔbɛsianee ahoni no ho, na ɔdwane baa Seira.

27Na ɔduruiɛ no, ɔhyɛn totorobɛnto Efraim bepɔ so, na Israelfoɔ no ne no siane firii bepɔ no so, na ɔdii wɔn anim;

28na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montu mmirika nni m’akyi, ɛfiri sɛ AWURADE de mo atamfoɔ Moabfoɔ no ahyɛ mo nsa. Na wɔsiane dii n’akyi, na wɔkɔfaa Yordan atwareeɛ a wɔde kɔ Moab no, na wɔamma obiara antwa.

29Na saa berɛ no wɔkunkumm Moab mmarima bɛyɛ mpem du, mmarima akatakyie ahoɔdenfoɔ ara nko, na wɔamma obiara amfiri mu.

30Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoo mfirinhyia aduɔwɔtwe.

Samgar

31Na n’akyiri no, Anat ba Samgar na ɔde nantwika poma kumm Filistifoɔ mu nnipa ahansia; na ɔno nso, ɔgyee Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help