2 Ahemfo 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Elisa ne Sunemni baa no

1 2 Ah 4.35 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.

2Na ɔbaa no sɔree yɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no asɛm no teɛ no, na ɔne ne fiefoɔ sii mu kɔ kɔyɛɛ ahɔhoɔ Filistifoɔ asase so mfeɛ nson.

3Na ɛbaa sɛ mfeɛ nson no awieeɛ no, ɔbaa no sane firii Filistifoɔ asase so bae, na ɔfiri adi kɔsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase.

4Nso na ɔhene ne Nyankopɔn nipa no abɔfra Gehasi rekasa sɛ: Ka me nnoɔma akɛseɛ a Elisa ayɛ no ɛ!

5Na ɔgu so reka kyerɛ ɔhene sɛdeɛ Elisa nyanee owufoɔ no, hwɛ, ɔbaa a ɔnyanee ne ba maa no no bɛsrɛɛ ɔhene sɛ ɔregye ne fie ne n’asase. Na Gehasi kaa sɛ: Me wura Ɔhene, ɔbaa no nie, na ne ba a Elisa maa no nyaa nkwa no nie.

6Na ɔhene bisaa ɔbaa no no, ɔka kyerɛɛ no. Ɛnna ɔhene yii opiani bi maa no sɛ: Hwehwɛ deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa, ne n’afuo no aba nyinaa, ɛfiri da a ɔgyaa asase yi hɔ de bɛsi nnɛ ma no.

Hasael di Siria so hene

7Na Elisa kɔɔ Damasko; nso na Siriahene Ben-hadad yare; na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Nyankopɔn nipa no aba ha.

8Na ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael sɛ: Fa ayɛyɛdeɛ kura wo nsam, na kɔ kɔhyia Nyankopɔn nipa no, na kɔbisa AWURADE adeɛ ne hɔ sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

9Na Hasael ba bɛhyiaa no, na ɔfaa ayɛyɛdeɛ kurae, ɛyɛ Damasko nnoɔma pa nyinaa mu bi, yoma aduanan na ɛsoso wɔn. Na ɔba bɛgyinaa n’anim sɛ: Wo ba Ben-hadad, Siriahene na ɔsomaa me wo nkyɛn sɛ: Mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa?

10Na Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ kɔka kyerɛ no sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya, na AWURADE akyerɛ me sɛ wobɛwu ara.

11Luka 19.41 Na ɔgyenee n’ani hwɛɛ no dinn kɔsii sɛ n’ani wuiɛ, na Nyankopɔn nipa no sui.

122 Ah 10.32 Na Hasael bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura resu? Na ɔse: Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wɔn nkuro a ɛyɛ den no, wobɛtoto mu gya, na wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn mmeranteɛ, na woatete wɔn nkɔkoaa ahwehwe fam, na woapaepae wɔn anyinsɛnfoɔ mu.

131 Sa 24.14; 1 Ah 19.15 Na Hasael kaa sɛ: Na w’akoa ne deɛn, ɔkraman yi a, sɛ ɔbɛyɛ adeɛ kɛseɛ yi? Na Elisa se: AWURADE ama mahu wo sɛ Siriahene.

14Na ɔfirii Elisa nkyɛn kɔ kɔduruu ne wura nkyɛn. Na ɔbisaa no sɛ: Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ woɔ? Na ɔse: Ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nkwa deɛ, wobɛnya.

15Na adeɛ kyeeɛ no, ɔfaa mmuatoma no bɔɔ nsuo mu de kataa n’anim, na ɔwui. Na Hasael sii n’ananmu dii hene.

Yoram di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 21.1-20)

16 2 Be 21.1, 5-10 Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so nnum mu berɛ a Yehosafat dii Yuda hene no, na Yudahene Yehosafat ba Yehoram bɛdii hene.

17Ɔbɛdii hene no na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.

182 Ah 8.26 Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ, ɛfiri sɛ na ne yere yɛ Ahab ba. Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

192 Sa 7.11-16; 1 Ah 11.36 Nanso n’akoa Dawid nti AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda, sɛdeɛ ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ne ne mma nna nyinaa.

20Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene.

21Na Yoram twaa mu kɔɔ Sair, ne nteaseɛnam nyinaa ka ne ho; na ɔsɔree anadwo, kɔkunkumm Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no; na nkurɔfoɔ no dwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.

22Na Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Ɛnna Libna nso tee atua berɛ no ara mu.

23Na Yoram ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

24Na Yoram tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Ahasia sii n’ananmu dii hene.

Ahasia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 22.1-6)

25 2 Be 22.1-6 Na Israelhene Ahab ba Yoram afe a ɛtɔ so dummienu mu na Yudahene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene.

262 Ah 8.18; 11.1 Ahasia dii mfeɛ aduonu mmienu na ɔbɛdii hene no, na ɔdii hene afe baako Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Israelhene Omri ba.

27Na ɔfaa Ahab fiefoɔ kwan so, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ na Ahab ase ne no.

28Na ɔne Ahab ba Yoram ne Siriahene Hasael kɔkoeɛ wɔ Ramot-gilead. Na Siriafoɔ piraa Yoram.

292 Ah 9.15 Na Ɔhene Yoram sane baa sɛ ɔrebɛsa pira a Siriafoɔ piraa no Rama, berɛ a ɔne Siriahene Hasael reko no wɔ Yesreel. Na Yudahene Yehoram ba Ahasia siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help