2 Berɛsosɛm 35 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosia di Twam afahyɛ

1 2 Ah 23.21-30 Na Yosia dii Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem maa AWURADE, na wɔkumm Twam dwan no bosome a ɛdi kan no, da a ɛtɔ so dunan no so.

2Na ɔde asɔfoɔ no kɔsisii wɔn som adwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn den maa AWURADE fie som no.

31 Ah 6.1 Na ɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔkyerɛkyerɛ Israel nyinaa nhunumu na wɔyɛ akronkronfoɔ ma AWURADE no sɛ: Momfa adaka kronkron no mmɛsi efie a Israelhene Salomo, Dawid ba, siiɛ no mu. Morensoa no mo mmatiri so bio. Afei monsom AWURADE mo Nyankopɔn ne ne man Israel.

4Na monsiesie mo ho, sɛ mo mpanimfie so, mo nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ Israelhene Dawid ne ne ba Salomo twerɛeɛ no,

5na monnyina kronkronbea sɛdeɛ mo nuanom, ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu teɛ, na Lewifoɔ mpanimfie kyɛfa ntena hɔ mma obiara.

6Na monkum Twam dwan no, na monyɛ mo ho kronkron, na monsiesie mma mo nuanom, na monyɛ sɛdeɛ AWURADE nam Mose so kaeɛ no.

7 2 Be 30.24 Na Yosia yii nnwan nnwanten mma ne mmirekyie mma maa ɔman mma no, sɛ wɔmfa ne nyinaa nyeyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa Twam afɔdeɛ, wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa ne anantwie nso mpensa. Yei nyinaa firi ɔhene akoradeɛ mu.

8Na ne mmapɔmma nso yiyi maa ɔman no, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ayamyi so. Hilkia ne Sakaria ne Yehiel, Nyankopɔn fie mmapɔmma no de Twam nnwan mpennu ahansia ne anantwie ahasa maa asɔfoɔ no.

9Na Konania nso ne ne nuanom Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad, Lewifoɔ asafohene no yii Twam nnwan mpemnum ne anantwie ahanum maa Lewifoɔ no.

10Ɛnna wɔsiesiee ɔsom no, na asɔfoɔ no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, na Lewifoɔ no nso wowɔ wɔn nkyekyɛmu mu, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no.

11Na wɔkunkumm Twam nnwan no, na asɔfoɔ no de wɔn mogya no bi petee, na Lewifoɔ no dwaa wɔn.

12Na wɔyii ɔhyeɛ afɔdeɛ no sɛ wɔde rema ɔman mma no mpanimfie nkyekyɛmu no, sɛ wɔmfa nkɔma AWURADE sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose nwoma mu no, ne anantwie no nso saa ara.

13Na wɔde ogya totoo Twam dwan no sɛdeɛ amammerɛ teɛ. Na akronkronneɛ no deɛ, wɔnoaa no nkukuo ne nnadesɛn ne kyeɛ dadeɛ mu, na wɔde maa ɔman mma no nyinaa ntɛm so.

14Yei akyiri no, wɔsiesiee wɔn deɛ ne asɔfoɔ no deɛ, ɛfiri sɛ asɔfoɔ, Aaron mma no wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ne sradeɛ no hyeɛ ho ara de kɔsii adesaeɛ. Enti Lewifoɔ no siesiee wɔn ara wɔn deɛ ne asɔfoɔ, Aaron mma no deɛ.

151 Be 25.1; 26.1 Na nnwontofoɔ, Asaf mma no nso wɔ wɔn gyinabea, sɛdeɛ Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehunufoɔ no hyɛeɛ no, na apono ano ahwɛfoɔ no wɔ ɛpono ne ɛpono ho: Na ɛnhia sɛ wɔgya wɔn som, ɛfiri sɛ wɔn nuanom Lewifoɔ siesie maa wɔn.

16Na wɔsiesiee AWURADE som nyinaa da no, na wɔdii Twam no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE afɔrebukyia no so, sɛdeɛ Ɔhene Yosia hyɛeɛ no.

17Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no dii Twam no berɛ no mu, ne apiti nnapɔnna no nnanson.

182 Be 30.26 Na ɛfiri Odiyifoɔ Samuel berɛ soɔ no, na wɔnnii Twam bi sɛ yei wɔ Israel, na Israel ahemfo nyinaa nso anni bi a ɛte sɛ Twam a Yosia, asɔfoɔ, Lewifoɔ, Yuda nyinaa ne Israel a wɔwɔ hɔ no ne Yerusalemfoɔ diiɛ no.

19Yosia ahennie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so na wɔdii Twam yi.

Misraimhene Neko ne Yosia wuo

20Yeinom nyinaa akyiri a Yosia asiesie efie no, Misraimhene Neko foro bae, na ɔbɛdii ako wɔ Karkemis, Eufrate ano. Na Yosia firii adi kɔhyiaa no.

21Na ɔsomaa abɔfoɔ baa ne nkyɛn sɛ: Ɛdeɛn na me ne wo, Yuda hene, wɔ yɛ? Ɛnyɛ wo so na mebaa nnɛ, na mmom efie a ɛne me di ako no so na Onyankopɔn aka sɛ menyɛ ntɛm. Ɛne Onyankopɔn a ɔka me ho no nnni asie, na wansɛe wo.

22Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu.

23Na agyantofoɔ toto sesaa Ɔhene Yosia, na ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa me mfiri ha nkɔ, na mapira sɛ.

24Na ne nkoa no yii no firii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a ɛdi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na ɔwui, na wɔsiee no n’agyanom asieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyamm Yosia.

25Yer 22.10-11 Na Yeremia twaa Yosia ho kwadwom, na nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nyinaa bɔɔ Yosia din wɔn Kwadwom mu de bɛsi nnɛ, na wɔde yɛɛ ahyɛdeɛ Israel mu, na hwɛ, wɔatwerɛ no Kwadwom no mu.

26Na Yosia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu

27ne ne ho nsɛm, akane ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help