1 1 Be 25.1 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa,
na ɔfrɛ asase
firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.
2Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na
Onyankopɔn firi hran.
3 Dwom 96.13 Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm.
Ogya di n’anim rehye adeɛ,
na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.
4 Yes 1.2 Ɔrefrɛ ɔsorofoɔ firi ɔsoro aba, ne asase,
sɛ ɔrebɛbu ne man atɛn:
5 Eks 24.4-8 Mommoaboa m’ahotefoɔ ano mma me,
wɔn a wɔnam afɔrebɔ so ne me wɔ apam no.
6Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ,
ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.
7Me man, montie, na merebɛkasa;
Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ:
Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.
8 Yes 1.11 Ɛnyɛ wo kum afɔdeɛ nti na mɛka w’anim,
na wo hyeɛ afɔdeɛ wɔ m’anim daa.
9Meremfa wo fie mu nantwinini,
wo nnwammuo mu mpapo,
10ɛfiri sɛ kwaeɛ mu mmoa nyinaa wɔ me,
mmepɔ apem so mmoa.
11Menim mmepɔ so ntakraboa nyinaa,
na wiram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ.
12Sɛ ɛkɔm de me a, anka merense wo,
na wiase ne ne mayɛ wɔ me.
13Medi anantwinini nam?
Na menom mpapo mogya?
14Bɔ aseda afɔdeɛ ma Onyankopɔn,
na tua w’aboadeɛ ma deɛ ɔwɔ ɔsorosoro no;
15 Dwom 81.7; 91.15; Hiob 22.27 na frɛ me hiada mu,
na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.
16 Rom 2.21-23 Na ɔbɔnefoɔ deɛ, Onyankopɔn se no sɛ:
Adɛn nti na woka m’ahyɛdeɛ,
na wode w’ano bɔ m’apam din,
17na wo korɔ yi ara wokyiri animka,
na woto me nsɛm gu w’akyire?
18 Efe 5.11 Sɛ wohunu owifoɔ a, wopɛ n’asɛm,
na wo ne awaresɛefoɔ bɔ.
19Wogyaa w’ano mu kɔ bɔne mu,
na wo tɛkyerɛma toatoa nnaadaasɛm.
20Wotena ase ka wo nua ho nsɛm,
wo na ba mpo, wosopa no.
21 Dwom 73.11 Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti,
wosusu sɛ mete sɛ wo ara,
mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.
22Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ,
na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
23Deɛ ɔde aseda bɔ afɔdeɛ no hyɛ me animuonyam,
na deɛ n’akwan teeɛ no,
mɛkyerɛ no Nyankopɔn nkwagyeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
