Sakaria 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nteaseɛnam nnan no

1 Sak 1.8; Adi 6.2-8 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ.

2Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho,

3na teaseɛnam a ɛtɔ so mmiɛnsa no, apɔnkɔfufuo na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so nnan no, apɔnkɔ nworonnworan ahoɔdenfoɔ na ɛwɔ ho.

4Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom, me wura?

5Sak 4.14 Na ɔbɔfoɔ no bua see me sɛ: Yeinom ne ɔsoro mframa nnan a ɛfiri adi firi deɛ wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.

6Deɛ apɔnkɔbire wɔ ho no, wɔfiri adi kɔ atifi fam asase so, na afufuo no firi adi di wɔn akyi, na nworonnworan no firi adi kɔ anafoɔ fam asase so;

7Sak 1.10 na ahoɔdenfoɔ no firii adie no, na wɔrepɛ anante akyin asase so; na ɔkaa sɛ: Monkɔ na monkɔkyini asase so. Na wɔkɔkyinii asase so.

8Ɛnna ɔteaa mu frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefiri adi akɔ atifi fam asase soɔ ama me honhom ho asane no wɔ atifi fam asase no so.

Ɔsɔfo panin no denhyɛ

9Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

10Gye sika ne dwetɛ firi atukɔfoɔ a wɔfiri Babel baeɛ; Heldai, Tobia ne Yedaia nkyɛn, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛne Sefania ba Yosia fie.

11Na fa yɛ abotire fa bɔ Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ti,

12Sak 3.8 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, ɔbarima bi a “Ban” ne ne din, na ɔbɛfefɛ n’ananmu, na ɔbɛsi AWURADE asɔredan no.

13Dwom 110.4 Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam.

14Na abotire no nyɛ nkaeɛ adeɛ mma Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba Hen, AWURADE asɔredan no mu.

15Na akyirikyirifoɔ bɛba abɛsi AWURADE dan no bi, na moahunu sɛ asafo AWURADE na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ motie AWURADE mo Nyankopɔn a, yei bɛnya aba mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help