1 Esra 4.24; 5.1-2 Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa Yuda Amrado Serubabel a ɔyɛ Sealtiel ba ne Ɔsɔfopanin Yosua a ɔyɛ Yehosadak ba nkyɛn sɛ:
2Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Ɔman yi ka sɛ: Ɛnya nnuruu berɛ a wɔde bɛsi AWURADE fie no.
3Na AWURADE asɛm nam Odiyifoɔ Hagai so baa sɛ:
42 Sa 7.2 Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi?
5Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.
6Hag 2.16; Deut 28.38 Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.
7Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,
8na momforo bepɔ nkɔfa nnua mmra mfa mmɛsi dan no, na ɛbɛyɛ me fɛ, na mayi m’animuonyam makyerɛ, AWURADE na ɔseɛ.
9Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie.
101 Ah 17.1 Saa nti, mo nti na ɔsoro akame, sɛ ɔbosuo nntɔ, na asase akame ne nnɔbaeɛ.
11Hag 2.17; Amos 4.9 Na mefrɛɛ ɛweɛ baa asase so, mmepɔ so, ayuo so, nsamono so, ngo so, adeɛ a asase de ba so, nnipa so, afieboa so ne nsa ano brɛ adwuma nyinaa so.
12Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yehosadak ba Ɔsɔfopanin Yosua ne ɔman no nkaeɛ no nyinaa tiee AWURADE wɔn Nyankopɔn ne Odiyifoɔ Hagai nsɛm, sɛdeɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn somaa no no, na ɔman no suroo AWURADE anim.
13Mal 2.7 Ɛnna Hagai, AWURADE bɔfoɔ no, bɔɔ AWURADE kaseɛ kyerɛɛ ɔman no sɛ: Medi mo akyi, AWURADE asɛm nie.
14Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,
15bosome a ɛtɔ so nsia no da a ɛtɔ so aduonu nnan no so, Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so mmienu no mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
