1 Adi 11.7; 17.3; 17.9; 17.12; Dan 7.7 Na mehunuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ɛne tire nson sɛ ɔfiri po mu sɔreeɛ, na ahemmotire du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne tiri ho.
2Adi 12.3 Na aboa a mehunuu no no te sɛ ɔsebɔ, na ne nan te sɛ osisire nan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n’ahoɔden ne n’ahennwa ne ne tumi kɛseɛ maa no.
3Adi 17.8 Na mehunuu sɛ ne tire no mu baako te sɛdeɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne pira no, na aboa no ho yɛɛ wiasefoɔ nyinaa nwanwa maa wɔdii n’akyi.
4Na wɔkotoo ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotoo aboa no kaa sɛ: Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?
5Dan 7.8; Adi 11.2; 12.6; 12.14 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛseɛ ne abususɛm, na wɔmaa no kwan abosome aduanan mmienu.
6Na ɔbuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntomadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm.
7Adi 11.7; Dan 7.21 Na wɔmaa no kwan sɛ ɔntu ahotefoɔ so sa, na ɔnni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ ne aman nyinaa so tumi.
8Adi 12.12; 3.5; 17.8 Na wɔn a wɔte asase soɔ nyinaa bɛkoto no, wɔn a wɔamfiri wiase asehyɛ antwerɛ wɔn din Adwammaa a wɔkumm no no nkwa nwoma mu no.
9Sɛ obi wɔ aso a, ma no ntie.
10 Mat 26.52; Adi 14.12 Sɛ obi fa nnommum a,
wɔbɛfa no dommum.
Sɛ obi de nkrantɛ kum a,
ɛtwa sɛ wɔde nkrantɛ ku no.
Ɛha na ahotefoɔ boasetɔ ne gyidie wɔ.
11 Adi 16.13; Mat 7.15 Na mehunuu aboa foforɔ bi a ɔfiri asase mu baeɛ, na ɔwɔ mmɛn mmienu sɛ adwammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.
12Adi 13.12; 13.4-5; 13.7 Na ɔyɛ aboa a ɔdi kan no ahoɔdenneɛ nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete soɔ koto aboa a ɔdi kan a wɔasa ne wuopira no.
13Mat 24.24; 2 Te 2.9-10; 1 Ah 18.24-39 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ, na ɔma ogya mpo firi soro ba asase so, nnipa anim.
14Deut 13.1-3 Na nsɛnkyerɛnneɛ a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ no aboa no anim nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase soɔ no, ka kyerɛɛ asase sotefoɔ no sɛ, wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrantɛ apira no na ɔte ase bio no.
15Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no mpo akasa, na wama wɔakum dodoɔ a wɔnkoto aboa no honi no.
16Adi 19.20 Na ɔma nketewa ne akɛseɛ, adefoɔ ne ahiafoɔ, adehyeɛ ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyiraeɛ, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,
17nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn, gye deɛ ɔwɔ agyiraeɛ no, anaa aboa no din, anaa ne din akonta ntwerɛeɛ nko.
18 Adi 17.9; 15.2 Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Deɛ ɔwɔ nteaseɛ mmu aboa no akonta no ntoano, na ɛyɛ onipa akonta ntoano, na n’akonta ntoano yɛ ahansia aduosia nsia.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.