Adiyisɛm NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUWɔtwerɛɛ Yohane adiyisɛm no wɔ berɛ a na Akristofoɔ refa ɔtaa mu ɛsiane gyidie a na wɔkura sɛ Yesu Kristo ne Awurade no nti. Deɛ na ɛhia ɔtwerɛfoɔ no titire ne sɛ ɔbɛma n’akenkanfoɔ anya anidasoɔ ne nkuranhyɛ a wɔbɛtumi de atena aseɛ nokorɛdie mu wɔ ɔtaa berɛ mu.Nwoma no fa kɛseɛ no yɛ adiyie ne anisoadehunu a ɛtoatoa so bi na wɔnam nsɛnkyerɛnneɛ kasa a Akristofoɔ a na wɔwɔ hɔ saa berɛ no bɛte aseɛ, na berɛ korɔ no ara nso ayɛ ahuntasɛm ama afoforɔ. Wɔnam anisoadehunu ahodoɔ so ka nwoma no botaeɛ mprɛ bebree wɔ akwan ahodoɔ so. Ne nyinaa kyerɛ nteaseɛ a ɛwɔ botaeɛ ahodoɔ a ɛwɔ nwoma no mu. Ɛwɔ mu sɛ adwenkyerɛ ahodoɔ a ɛfa nkyerɛaseɛ pa ara wɔ nwoma yi ho deɛ, nanso botaeɛ pɔtee no mu da hɔ pefee sɛ: Onyankopɔn nam Kristo a ɔyɛ Awurade no so bɛdi atamfoɔ no so koraa, a Satan mpo ka ho bie. Afei, ɔde nhyira a ɛyɛ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ bɛma nnipa a wɔdi nokorɛ ma no no. Yei bɛyɛ wɔn akatua ɛberɛ a saa nkonimdie yi bɛduru no.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-8Anisoadehunu a ɛdi kan ne krataa a ɔde kɔmaa asafo ahodoɔ nson no 1.9—3.22Nwoma a ɛkura nsɔano nson 4.1—8.1Ntotorobɛnto nson no 8.2—11.19Ɔtweaseɛ no ne mmoa mmienu no 12.1—13.18Anisoadehunu ahodoɔ 14.1—15.8Onyankopɔn abufuo a ɛgu kuruwa nson mu 16.1-21Babel sɛeɛ ne aboa no, ne odiyifoɔ torofoɔ ne ɔbonsam nkoguo 17.1—20.10Atemmuo a ɛdi akyire 20.11-15Ɔsoro foforɔ, asase foforɔ ne Yerusalem foforɔ no 21.1—22.5Awieeɛ 22.6-21
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help