1 Yes 47.1-15; Yer 50.1—51.64 Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:
2 Yes 13.17 Monsi frankaa bepɔ petee so,
momma mo nne so mma wɔn;
monhinhim mo nsa,
na wɔnhyɛne mmapɔmma apono mu.
3Me, mahyɛ me kronkronfoɔ,
mafrɛ me nnɔmmarima nso sɛ wɔnkyerɛ m’abufuo,
wɔn a wɔdi me kɛseyɛ ho ahurisie no.
4Asafo yuu gyegyeegye wɔ mmepɔ so
sɛdeɛ nkurɔfoɔ bebree deɛ teɛ no:
Ɛte sɛ amanaman a wɔboaboa wɔn ano,
ahennie ahodoɔ huuyɛ gyegyeegye,
asafo AWURADE reboaboa dɔm ano
ama ɔsa.
5Wɔfiri akyirikyiri asase so ne
ɔsoro ano reba,
AWURADE ne n’abufuhyeɛ akodeɛ no,
sɛ ɔrebɛsɛe asase nyinaa.
6 Yoel 1.15 Montwa adwo, na AWURADE da no abɛn;
ɛreba sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.
7Enti nsa nyinaa mu bɛgo,
na ɔdasani biara akoma bɛnane;
8na wɔn ho bɛdwiri wɔn,
nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn,
wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ.
Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa,
wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.
9Hwɛ, AWURADE da no reba,
atirimuɔden ne anibereɛ ne abufuhyeɛ so,
sɛ ɔrebɛdane asase afo,
na wasɛe ɛso nnebɔneyɛfoɔ afiri so.
10 Amos 5.8; Hiob 9.9; Hes 32.7; Yoel 2.10; 3.4, 15; Mat 24.29 Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini
renhyerɛn,
owia bɛduru sum n’adifire mu,
na ɔsrane nso renharan.
11Na mɛba mabɛtwe wiase aso wɔ ne bɔne ho,
ne abɔnefoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ ho,
na mama ahantanfoɔ ahomasoɔ no to atwa,
na ahokyerɛfoɔ ahokyerɛ abrɛ ase;
12 1 Ah 9.28 mɛma ɔdasani ho ayɛ na asene sika amapa,
na onipa asene Ofir sika kɔkɔɔ.
13Enti mɛma ɔsoro awoso,
na asase ahinhim afiri ne sibea,
asafo AWURADE abufuferɛ no ano
ne n’abufuhyeɛ da no nti.
14Na wɔbɛdanedane wɔn ho akɔ wɔn nkurɔfoɔ nkyɛn
na wɔadwanedwane akɔ wɔn nsase so
sɛ ɔwansane a wɔatutu no,
ne nnwan a obi mmoa wɔn ano.
15Obiara a wɔbɛhu no no, wɔbɛhwire ne mu,
na obiara a wɔbɛkye no no, bɛtɔ nkrantɛ ano;
16 Dwom 137.8-9 na wɔbɛposa wɔn mmotafowa,
wɔ wɔn anim,
wɔbɛfomfom wɔn afie afa,
na wɔabobɔ wɔn yerenom adapaa.
17Hwɛ, merehwanyan Mediafoɔ atia wɔn,
nnipa a wɔmmu dwetɛ,
na sika nso, wɔnhwehwɛ;
18 Yes 13.16 wɔn agyan bɛbobɔ mmeranteɛ,
wɔn yam nhyehye wɔn ɔyafunum mma mpo ho,
na wɔn ani nhunu mmɔfra mmɔbɔ.
19 Gye 19.24-25 Na Babel a ɛyɛ ahennie mu kunini,
ne Kaldeafoɔ kɛseyɛ animuonyam no,
ɛbɛyɛ sɛ Sodom ne Gomora butuo
a Onyankopɔn butuu wɔn no.
20Obi rentena mu da biara da,
na obi renkɔtena hɔ, awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu,
na Arab atutenani biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ,
na nnwanhwɛfoɔ nso remma wɔn mmoa mmutu hɔ;
21na ɛserɛ so mmoa na wɔbɛda hɔ,
na mpatuo bɛyɛ wɔn adan amaama,
na nsohori nso bɛtena hɔ,
na nsasabonsam asa hɔnom;
22 Yes 34.10-15 na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu,
na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu.
Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba,
na ne nna renkyɛre bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.