1 no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.
Asɔfoɔ ntadeɛ afoforɔ(Eksodɔs 39.22-31)31 Eks 39.22-26 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotadeɛ no ase batakari.
32Na tokuro nna mfimfini wɔ n’atifi, na wɔmfa ntomaban a wɔanwono mmare tokuro no ano nhyia te sɛ adaaboɔ mu tokuro, na ansuane.
33Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia.
34Sika adɔmma ne atoaa aba, ntwa batakari no mmuano ho nhyia.
35Eks 30.21; Lew 16.2, 13 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛne kronkronbea hɔ AWURADE anim na ɔfiri adi a, wɔate ne nnyegyeeɛ, na wanwu.
36 Eks 39.30-31 Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.
37Na fa fam bibire homa so, na ntena abotire no so; abotire no anim na ɛmfam.
38Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusuo biara a aba akronkronneɛ a Israelfoɔ yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛdeɛ kronkron nyinaa mu no; na ntena ne moma so daa, na AWURADE ani asɔ wɔn.
39 Eks 39.27-29 Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ.
40Na Aaron mma no nso, yɛ ntadeɛ ne aboomu ma wɔn, na yɛ abotire bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ.
41Lew 8.12; Eks 29.9, 24 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.
42Na yɛ nwera twakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagya so mfiri asene nkɔsi nsrɛkyire.
43Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
