1 Ate 12.1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara.
2Ate 6.11, 15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ nsene Abi-eser bobeteɛ nyinaa anaa?
3Mo nsam na Onyankopɔn de Midian asafohene Oreb ne Seeb ahyɛ, na deɛn na matumi mayɛ sɛ mo? Na ɔkaa saa no, wɔn bo gyaa no fuo.
4Na Gideon duruu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wɔtii wɔn ara.
5Na ɔka kyerɛɛ Sukotfoɔ no sɛ: Mesrɛ mo, momma mmarima a wɔdi m’akyire yi paanoo taterɛ bi ɛ, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na me nso mereti Midian ahemfo Seba ne Salmuna.
6Na Sukot atitire no kaa sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmfa paanoo mma wo dɔm yi anaa?
7Na Gideon kaa sɛ: Yei nti sɛ AWURADE nya de Seba ne Salmuna hyɛ me nsa a, ɛnneɛ mede ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ bɛsunsuane mo honam.
8Na ɔfirii hɔ kɔɔ Penuel na ɔne wɔn kasaa saa ara. Na Penuelfoɔ no buaa no sɛdeɛ Sukotfoɔ no buaa no no.
9Na ɔka kyerɛɛ Penuelfoɔ no nso sɛ: Sɛ mesane meba dwoodwoo a, mɛdwiri abantenten yi.
10Nso na Seba ne Salmuna wɔ Karkor, na wɔn dɔm ka wɔn ho; wɔbɛyɛ nnipa mpemdunum, apueeɛfoɔ dɔm no nyinaa nkaeɛ nyinaa; ɛfiri sɛ nnipa a wɔtwe nkrantɛ mpemha aduonu na atotɔ.
11Na Gideon foro faa ntomadan mutefoɔ kwan so, Noba ne Yogbeha apueeɛ, na ɔkɔkunkumm dɔm no, ɛfiri sɛ na ɛdɔm no ani nna wɔn ho so.
12Na Seba ne Salmuna dwanee, na ɔtii wɔn kɔkyeree Midian ahemfo baanu no, Seba ne Salmuna, na ɔbɔɔ dɔm no nyinaa gui.
13Ɛnna Yoas ba Gideon sane firii akono faa Heres aforoeɛ baeɛ.
14Na ɔkyeree aberanteɛ bi a ɔfiri Sukotfoɔ no mu, na ɔbisaa no, na ɔtwerɛɛ Sukot atitire ne emu mpanimfoɔ no din maa no, mmarima aduɔson nson.
15Na ɔbaa Sukotfoɔ no nkyɛn bɛkaa sɛ: Hwɛ, Seba ne Salmuna a wɔn nti mosopaa me sɛ: Seba ne Salmuna wɔ wo nsam dada na yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo no nie?
16Na ɔfaa kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔfaa ɛserɛ so nkasɛɛ ne akraateɛ, de kyerɛɛ Sukotfoɔ no nyansa.
17Na ɔdwirii Penuel abantenten no, na ɔkunkumm kuro no mu mmarima.
18Na ɔka kyerɛɛ Seba ne Salmuna sɛ: Mmarima a mokunkumm wɔn Tabor no te sɛn? Na wɔse: Wɔne wo pɛ, wɔn nyinaa sesɛ ahene mma.
19Na ɔkaa sɛ: Me nuanom, me na mma ne wɔn; sɛ AWURADE te aseɛ yi, momaa wɔtenaa ase a, anka merenkum mo.
20Na ɔka kyerɛɛ n’abakan Yeter sɛ: Sɔre ku wɔn. Nanso abɔfra no antwe ne nkrantɛ, na ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so yɛ abɔfra.
21Na Seba ne Salmuna kaa sɛ: Wo ara sɔre to yɛn dadeɛ, na sɛdeɛ ɔbarima teɛ na ne mmaninyɛ teɛ. Ɛnna Gideon sɔre kunkumm Seba ne Salmuna, na ɔfaa asrane nketewa a ɛgu wɔn yoma kɔn mu no.
22Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, ɛfiri sɛ wo na woagye yɛn afiri Midian nsam.
23Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na ɔnni mo soɔ.
24Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mɛbisa mo hɔ biribi; mo nyinaa momfa mo asadeɛ mu nkaa mmrɛ me. (Ɛnam sɛ Midianfoɔ yɛ Ismaelfoɔ nti, na wɔwowɔ sika nkaa.)
25Na wɔkaa sɛ: Yɛfiri yɛn pɛ mu de bɛma. Na wɔde ntoma sɛɛ hɔ, na obiara too n’asadeɛ mu nkaa guu so.
26Na sika nkaa a ɔbisaeɛ no ano si sika nnwetɛbena apem ahanson; ɛsono asrane nketewa ne aso mu ahyehyɛdeɛ ne ntadeɛ a ɛberedum a ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, na ɛsono wɔn yoma kɔn mu ahyehyɛdeɛ no.
27Ate 17.5; Eks 28.6-14 Na Gideon de yɛɛ ngusoɔ, na ɔde sii kuro Ofra mu. Ɛhɔ na Israel nyinaa dii akyire adwamammɔ mu, na ɛdanee Gideon ne ne fie fidie.
28 Ate 3.11; 5.31 Na wɔbrɛɛ Midian ase Israelfoɔ anim, na wɔamma wɔn tiri so bio. Na asase no so dwoo Gideon nna mu mfirinhyia aduanan.
29Na Yoas ba Yerubaal sii mu kɔtenaa ne fie.
30Na Gideon wɔ mmammarima aduɔson a wɔfiri n’asene mu, ɛfiri sɛ na ɔwɔ yerenom pii.
31Na ne mpena a ɔwɔ Sekem no nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo no din Abimelek.
32Ate 6.11 Na Yoas ba Gideon wuu akorabɔ pa mu, na wɔsiee no n’agya Yoas asieeɛ a ɛwɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no.
33 Ate 2.11; 9.4 Na Gideon wuiɛ no, Israelfoɔ sane kɔdii Baalim akyiri adwamammɔ mu, na wɔfaa Baal-berit de yɛɛ wɔn nyame.
34Na Israelfoɔ no ankae AWURADE wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii wɔn atamfoɔ nyinaa nsam hyiaeɛ no,
35Ate 9.5; 19.24 nso wɔanyɛ Yerubaal (a ɛyɛ Gideon) fie adɔeɛ amfa antua yie a ɔyɛɛ Israel no nyinaa so ka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.