Hosea 14 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel ahonu ne Nyankopɔn nhyira

1 Hos 12.6; Sak 1.4 Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn;

na w’amumuyɛ nti woahwe ase.

2 Heb 13.15 Momfa nsɛm nkura

nsane mmra AWURADE nkyɛn;

monka nkyerɛ no sɛ:

Fa amumuyɛ nyinaa kyɛ,

na gye papa,

na yɛmfa yɛn ano nyɛ

anantwinini mmɛbɔ afɔdeɛ.

3Asiria rennye yɛn,

apɔnkɔ so nso yɛrentena,

nso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ:

Yɛn nyame! bio;

ɛfiri sɛ wo mu na awisiaa hunu ntimmɔborɔ.

4Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ,

mɛyi me yam madɔ wɔn,

na m’abufuo adane afiri ne so.

5Mɛdane sɛ bosuo mama Israel,

ne nhwiren bɛhane sɛ sukooko,

na wagye nhini sɛ Lebanon.

6Ne mman bɛdennan,

na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua,

na ayi hwa sɛ Lebanon.

7Wɔn a wɔtete ne nwunu aseɛ

bɛsane abɛma ayuo asane anya afiriyɛ,

na wɔafefɛ sɛ bobe

a ne din ahyeta sɛ Lebanon bobesa.

8Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio?

Me deɛ, mɛgye no so, na m’ani aku ne ho,

me a mete sɛ pepeaa frɔmfrɔm,

me so na wɔbɛhunu w’aba.

9 Dwom 25.10 Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu,

nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno?

Na AWURADE akwan yɛ tee,

na ateneneefoɔ bɛnante so,

na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help