1 1 Sa 24.3 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE,
mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE,
2mehwie m’abooboo megu n’anim,
meka m’ahohia mekyerɛ no.
3 Dwom 138.7 Me honhom tɔ piti me mu a,
wo na wonim me kwan.
Ɛkwan a menam soɔ no so
na wɔsum me fidie.
4Mehwɛ nifa, na hwɛ,
obi nni hɔ a n’ani ku me ho,
dwanekɔbea abɔ me,
obiara mfa me kra nyɛ huu.
5 Dwom 27.13 Mesu mefrɛ wo, AWURADE.
Mese: Wone me dwanekɔbea,
me kyɛfa, ateasefoɔ asase so.
6 Dwom 7.1 Wɛn w’aso tie me su,
na mayɛ hodwoo,
yi me firi m’ataafoɔ nsam,
na wɔn ho yɛ den kyɛne me.
7Yi me kra firi afiase,
na mayi wo din ayɛ.
Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia
sɛ wo ne me adi no yie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
