Nnwom 122 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔkwantuni anigyeɛ ne apɛdeɛƆsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1M’ani gyee sɛ wɔsee me sɛ:

Ma yɛnkɔ AWURADE fie.

2Yɛn nan bɛgyina

w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem.

3Yerusalem a wɔakyekyere no

sɛ kuro a ɛtoatoam yie.

4 Dwom 42.8; 69.15 Ɛhɔ na mmusuakuo no nante korɔ,

mekyerɛ AWURADE mmusuakuo,

sɛ wɔrekɔyi AWURADE din ayɛ,

sɛdeɛ nhyehyɛɛ a ɔde ama Israel teɛ no.

5Ɛhɔ na wɔde nkonnwa sisi maa atemmuo,

Dawid fie nkonnwa no.

6Monsrɛ ma Yerusalem asomdwoeɛ,

ɛnsi w’adɔfo yie.

7Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu,

na yiedie ntena w’aban mu.

8Me nuanom ne me mfɛfoɔ nti

mɛka sɛ asomdwoeɛ ntena wo mu.

9AWURADE yɛn Nyankopɔn fie nti

mɛhwehwɛ papa mama wo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help