1Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom.
2Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.
3Yɛde nnareka to apɔnkɔ ano mu sɛ wɔntie yɛn, na yɛdanedane wɔn kɔ faako a yɛpɛ.
4Hwɛ, ɛhyɛn nso a ɛsoso sɛɛ, na mframa a emu yɛ den pia no, wɔde dua akyerɛkyerɛkwan ketewa bi na ɛdanedane no kɔ baabiara a hyɛn kwankyerɛfoɔ no pɛ.
5Saa ara na tɛkyerɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ade ketewa, nanso ɔhoahoa ne ho ade kɛseɛ ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwaeɛ kɛseɛ a ɛbɛtumi asɔ!
6 Mat 15.11; 15.18-19; 12.36-37 Na tɛkyerɛma nso yɛ ogya. Tɛkyerɛma yɛ wiase bi wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ deɛ ɛntene. Ɛde nkekaeɛ keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimiiɛ a ɛtwa ne ho firi awoɔ mu no, na ɛfiri amanehunu kuro no mu na wɔasɔ ano.
7Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a wɔwea ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwodwo wɔn, na wɔadwodwo wɔn.
8Dwom 140.3 Na tɛkyerɛma deɛ, onipa biara ntumi nnwodwo no, ɛyɛ adebɔne a ɛyɛ werɛmfoɔ a awuduro ayɛ no ma.
9Gye 1.27 Ɛno na yɛde hyira Awurade ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Nyankopɔn suban soɔ.
10Ano korɔ no ara mu na nhyira ne nnome fire. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ yeinom ba saa!
11Asutire bi firi nsu dɛdɛ ne nwononwono wɔ ani korɔ mu anaa?
12Me nuanom, borɔdɔma bɛtumi aso ngo dua aba anaa? Anaasɛ obobe bɛtumi aso borɔdɔma? Saa ara nso na asutire nkyenenkyene rentumi mma nsu pa.
Nyansa ahodoɔ mmienu13 Yak 2.18 Mo mu hwan na ɔyɛ nyansafoɔ ne nimdefoɔ? Ma no mfa ɔbra pa nkyerɛ ne nnwuma wɔ ɔdwoɔ a nyansa wɔ mu mu.
14Efe 4.31 Na sɛ mowɔ nitanmmɔne ne mansotwe mo akoma mu a, ɛnneɛ monnhoahoa mo ho, na monnni atorɔ nntia nokorɛ.
15Yak 1.5; 1.17 Saa nyansa yi mfiri soro, na mmom ɛyɛ fam ne ɔkra ne ahonhommɔne deɛ.
16Na deɛ nitan ne mansotwe wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛɛ bɔne nyinaa wɔ.
17Na nyansa a ɛfiri soro no deɛ, deɛ ɛdi kan ne sɛ ɛho te, ɛwɔ asomdwoeɛ, ɛwɔ ɔdwoɔ, ɛwɔ asoɔmmerɛ; mmɔborɔhunu ne aba pa ayɛ no ma, ɛnnye akyinnyeɛ, ɛnyɛ nyaatwom.
18Yes 32.17; Mat 5.9 Na wɔgu tenenee aba asomdwoeɛ mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoeɛ adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.