Mmebusɛm 25 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyansa so akatua

1Yei nso ne Salomo mmebusɛm bi a Yudahene Hesekia nnipa fa twerɛeɛ.

2Nyankopɔn animuonyam ne asɛm so kata,

na ahemfo animuonyam ne asɛm mu hwehwɛ.

3Ɔsoro ware a ɛwareɛ, ne asase mu dɔ a ɛdɔ,

ne ahemfo akoma mu nni hwehwɛbea.

4Yi fi dwetɛ mu,

na agudeɛ firi odwumfoɔ nsam aba.

5 Mmb 16.12 Yi ɔbɔnefoɔ firi ɔhene anim,

na n’ahennwa bɛtim tenenee mu.

6Nhyehyɛ wo ho ɔhene anim,

na nkɔgyina nnipa akɛseɛ gyinabea.

7 Luka 14.7-11 Na ɛyɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Bra soro ha!

sene sɛ wɔbɛbrɛ wo aseɛ ɔberempɔn

a w’ani ahu no no anim.

8Mfiri hatuhatu nkɔko,

na ɛbɛwie akyire yi no, wobɛyɛ dɛn,

sɛ wo yɔnko de wo ato aniwuo mu?

9 Mmb 20.19 Asɛm a wo ne wo yɔnko wɔ no, wo ne no nni,

na nyi obi ahuntasɛm adi;

10na deɛ ɔbɛteɛ no annidi wo atɛm,

na wo nsopa anka hɔ.

11 Mmb 15.23 Asɛm a wɔka a ɛfata

te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ nkɛntɛn mu.

12Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no,

saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ.

13Sɛdeɛ sukyerɛmma dwoɔ teɛ twaberɛ mu no,

saa na ɔbɔfoɔ nokwafoɔ teɛ ma wɔn a wɔsomaa no,

na ɔdwodwo ne wuranom kra.

14 2 Pe 2.17 Deɛ ɔde akyɛdeɛ a ɔmmaeɛ hoahoa ne ho no

te sɛ mununkum ne mframa a osuo nni mu.

15 Mmb 15.1 Abodwokyɛre dane ɔtemmufoɔ ti,

na tɛkyerɛmabereɛ bu dompe mu.

16Wohunu ɛwoɔ a, di deɛ ɛso woɔ,

na amfono wo, na woamfe angu.

17Mma wo nan nnyɛ wo yɔnko fie ntiantia,

na wo ho anyɛ no mfone na wantane wo.

18 Mmb 19.5 Asabaa ne nkrantɛ ne agyan nnamnnam

ne onipa a ɔdi ne yɔnko ho adansekurumu.

19Ɔkɔnkɔnsani so anidasoɔ, hiada mu,

te sɛ ɛse a abuo ne nan a afirikyie.

20Deɛ ɔto dwom kyerɛ ɔwerɛhoni no

te sɛ deɛ ɔpa ntoma awɔberɛ mu,

anaa nsa kekakeka a wɔde gu dɔw soɔ.

21 Rom 12.20; Mat 5.44 Sɛ ɛkɔm de wo tamfo a, ma no aduane nni,

na sukɔm de no a, ma no nsuo nnom;

22na wobɛso nsramma agu n’atifi,

na AWURADE bɛhyɛ wo ananmu.

23Atifi fam mframa de osuo ba,

saa ara nso na ntwirie tɛkyerɛma de abufunimu ba.

24 Mmb 21.9, 19 Ɛdan atifi kokoam tena yɛ

sene sɛ wo ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ bɛtena ɛdan mu.

25Sɛdeɛ nsuonwunu yɛ ɔkra a atɔ piti no,

sɛ asɛmpa a ɛfiri akyirikyiri asase soɔ yɛ ne no.

26Sɛdeɛ nsuo aniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛeɛ no teɛ no,

saa na ɔteneneeni a ɔtɔ ɔbɔnefoɔ anim ntintan teɛ.

27Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ,

enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam.

28 Mmb 29.11 Onipa a ɔntumi nhyɛ ne ho so no

te sɛ kuro a abubuo a afasuo nni ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help