1 Flp 4.6 Na afei, deɛ ɛdi ne nyinaa kan no, metu fo sɛ wɔnyɛ nkotosrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa;
2ahemfo ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa, na yɛatena ase komm, na yɛn ho adwo yɛn, onyamesom pa ne abrabɔ a ɛho yɛ nyam nyinaa mu.
31 Ti 1.1; 4.10 Na yei yɛ, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn
4Hes 18.23; 2 Pe 3.9 a ɔpɛ sɛ wɔgye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokorɛ nimdeɛ mu no ani.
5Rom 3.29-30; Heb 12.24 Na
Onyankopɔn koro na ɔwɔ hɔ,
ne Onyankopɔn ne nnipa ntamgyinafoɔ koro,
ɔno ne onipa Kristo Yesu,
6 Gal 1.4; 2.20; Tito 2.14 a ɔde ne ho maa sɛ agyedeɛ maa nnipa nyinaa sɛ ɛnyɛ adanseɛ ɛberɛ a wɔahyɛ mu.
72 Ti 1.11; Gal 2.7-8 Ɛno na wɔabɔ din ahyɛ me ɔsɛnkafoɔ ne ɔsomafoɔ (meka nokorɛ, menni atorɔ), amanaman mufoɔ kyerɛkyerɛfoɔ wɔ gyidie ne nokorɛ mu.
Asɔre mu abrabɔ8Enti mepɛ sɛ mmarima bɔ mpaeɛ wɔ mmaa nyinaa, ma nsa a ɛho teɛ so, a abufuo anaa akyinnyeɛ nni mu.
91 Pe 3.3-5 Saa ara nso na mmaa nhyɛ ntadeɛ a ɛsɛ, mfa ani a ɛwu adeɛ ne adwenemuteɛ nkeka wɔn ho, ɛnyɛ mmɛsawɔ anaa sika anaa nhwene pa anaa ntadeɛ a ɛwɔ boɔ mu,
101 Ti 5.10 na mmom nnwuma pa a ɛsɛ mmaa a wɔyi onyamesom kyerɛ mu.
Ɔbaa hyɛ ɔbarima ase11 Efe 5.22 Mmaa nyɛ komm nsua asɛm no ahobrɛaseɛ nyinaa mu.
121 Ko 14.34; Gye 3.16 Ɔbaa deɛ, memma no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ ɔnni ɔbarima so, na mmom ɔnyɛ komm.
13Gye 1.27; 2.7; 2.22 Ɛfiri sɛ wɔbɔɔ Adam kane, ansa na Hawa redi hɔ.
14Gye 3.6; 2 Ko 11.3 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no, na ɔbaa no na wɔdaadaa no a ɔkɔtoo mmara;
15nanso sɛ ɔtena gyidie ne ɔdɔ ne ahoteɛ ne adwenemuteɛ mu a, wɔbɛgye no nkwa n’abawoɔ mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
