Atemmufoɔ 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Gideon frɛ

1Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson.

2Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae.

3 Ɛda so wɔ Ofra a ɛyɛ Abi-eserfoɔ deɛ no de bɛsi nnɛ.

25 2 Ah 11.18; 23.12-15 Na ɛbaa sɛ anadwo no ara AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa w’agya nantwinini, nantwinini a ɔtɔ so mmienu a wadi mfeɛ nson no, na kɔdwiri Baal afɔrebukyia a ɛyɛ w’agya deɛ no, na twitwa ɛho Asera nnua no gu.

26Na si afɔrebukyia ma AWURADE wo Nyankopɔn, bepɔ a ɛyɛ den yi atifi, sɛdeɛ ɛho nhyehyɛɛ teɛ; na fa nantwinini a ɔtɔ so mmienu no bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ Asera nnua a wobɛtwa no nnyina no so.

27Na Gideon faa ne nkoa mu mmarima du, na ɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no; na ɛnam sɛ ɔsuro n’agya fie ne kurom hɔfoɔ no sɛ ɔbɛyɛ no awia nti, ɔyɛɛ no anadwo.

28Na kurom hɔfoɔ no sɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔaburi Baal afɔrebukyia no, na wɔatwitwa ɛho Asera nnua no, na wɔahye nantwinini a ɔtɔ so mmienu no afɔrebukyia a wɔasie no so.

29Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwan na ɔdii saa asɛm yi? Na wɔbisa hwehwɛɛ akyiri kwan; na wɔse: Yoas ba Gideon na ɔdii saa asɛm yi.

30Na kurom hɔfoɔ ka kyerɛɛ Yoas sɛ: Yi wo ba no bra na ɔmmɛwu, ɛfiri sɛ waburi Baal afɔrebukyia na watwitwa ɛho Asera nnua no.

311 Ah 18.21 Ɛnna Yoas ka kyerɛɛ nnipa a wɔsɔre tiaa no no nyinaa sɛ: Mo na mobɛko ama Baal, anaasɛ mobɛgye no? Deɛ ɔbɛko ama no no, ma wɔnku no anɔpa; sɛ ɔyɛ onyame a, ma no nko mma ne ho, sɛ wɔaburi n’afɔrebukyia.

32Na wɔfrɛɛ no Yerubaal da no ara sɛ: Baal ne no nni, sɛ waburi n’afɔrebukyia.

33Na Midian ne Amalek ne apueeɛfoɔ no nyinaa bɛboaa wɔn ano, na wɔtwa bɛkyeree nsraban Yesreel bonhwa mu.

34Ate 3.10; 11.29; 13.25 Na AWURADE honhom sii Gideon so, na ɔhyɛn totorobɛnto, na Abi-eserfoɔ hyia bɛdii n’akyi.

35Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Manase nyinaa na wɔn nso hyia bɛdii n’akyi. Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Aser ne Sebulon ne Naftali, na wɔforo ba bɛhyiaa no.

36Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Sɛ ɛwom sɛ me so na worebɛfa agye Israel sɛdeɛ wokaeɛ no a,

37hwɛ, mede odwanten nwi merebɛhata awiporebea; sɛ obosuo tɔ nwi no so, na fam hɔ nyinaa wo a, ɛno na mɛhunu sɛ me so na wobɛfa agye Israel, sɛdeɛ wokaeɛ no.

38Na adeɛ kyee anɔpa a ɔsɔreeɛ no, ɔkyinsaa enwi no, na ɔkyii enwi no mu obosuo hyɛɛ koraa ma.

39Gye 18.30 Na Gideon ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mma wo bo mmfu me, na ma menkasa prɛko yi bio. Ma memfa enwi no mensɔ menhwɛ prɛko yi bio, ma enwi no nko nwo na obosuo ntɔ ngu fam hɔ nyinaa.

40Na Onyankopɔn yɛɛ saa, anadwo no, na enwi no nko woe, na fam hɔ nyinaa, obosuo tɔ guu hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help