Amos 8 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn asɛm ho nkɔm

1Sei na AWURADE Nyankopɔn maa mehunuiɛ, na hwɛ, nnuaba a abereɛ wɔ kɛntɛn mu.

2Amos 7.8 Na ɔbisaa sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Nnuaba a abereɛ kɛntɛn. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ:

Awieeɛ no aduru ama me man Israel,

merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.

3 Amos 6.10 Na asɔrefie nnwom bɛdane adwotwa ɛda no,

AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

afunu no bɛdɔɔso,

na wɔde kommyɛ bɛtoto wɔn agu mmaa nyinaa.

4 Amos 2.7 Montie yei, mo a moregye ahiafoɔ amene

sɛ moresɛe asase so amanehunufoɔ,

5 Neh 10.32; 13.15 na mobisa sɛ: Da bɛn na bosome foforɔ bɛtwam

na yɛatɔn ayuo,

ne homeda,

na yɛabue ɛsan ano,

na yɛayɛ efa ketewa, na yɛama n’abrammoɔ ayɛ kɛseɛ,

na yɛakyea nsania de asisie?

6 Amos 2.6 Na yɛama dwetɛ de atɔ mmɔborɔni,

na yɛde mpaboa atɔ ohiani,

na yɛatɔn ayuo ase deɛ ɛguguo no.

7AWURADE aka Yakob ahokyerɛ ntam sɛ:

Me werɛ remfiri wɔn nneyɛɛ nyinaa da biara da!

8 Amos 9.5 Yei nti asase renwoso

na ɛsofoɔ nyinaa renni abooboo anaa?

Na asase mu nyinaa bɛpuhu sɛ Asubɔnten Nil,

na wɔbɛfono no na atwe sɛ Misraim asuo no.

9 Yer 15.9 Na ɛda no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

mɛma owia atɔ awiaberɛ,

na mɛma sum aduru asase so awia ketee.

10 Yer 6.26 Na madanedane mo nnapɔnna mu abooboo

ne mo nnwom nyinaa kwadwom,

na mama ayitoma akyekyere asene nyinaa,

na atipa aba etire nyinaa so;

na mama no ayɛ sɛ ɔba korɔ ho abooboodie,

na n’awieeɛ ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.

11Hwɛ, nna bi reba, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie,

sɛ mɛma ɛkɔm aba asase no soɔ,

ɛnyɛ aduanekɔm anaa sukɔm,

na AWURADE asɛm tie deɛ.

12 Mika 3.7 Na wɔbɛkyini afiri po ano akɔ po ano,

na wɔawɔ ntwɛtwɛdɛ

afiri atifi fam akɔsi apueeɛ fam, sɛ wɔrehwehwɛ AWURADE asɛm akyiri kwan,

na wɔrenhunu.

13Ɛda no, sukɔm nti

mmabaa a wɔn ho yɛ fɛ ne mmeranteɛ bɛtotɔ piti,

14wɔn a wɔkeka Samaria asodie ntam,

na wɔse: Sɛ wo, Dan, wo nyame te aseɛ yi!

ne: Sɛ Beer-seba kwan te aseɛ yi!

no, wɔn deɛ, wɔbɛtotɔ na wɔrensɔre bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help