Hesekiel 41 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔrefoɔ no nkyerɛkyerɛmu

1 1 Ah 6 Ɛnna ɔde me kɔɔ asɔredan no mu, na ɔsusuu adum no basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha ne basafa mmiɛnsa trɛ wɔ ha, ɛne ntomadan no trɛ.

2Na ano kwan trɛ yɛ basafa nnum, na ano kwan no nkyɛnnkyɛn yɛ basafa mmienu ne fa wɔ ha na basafa mmienu ne fa wɔ ha; na ɔsusuu ne ntwemu, basafa aduonu ne ne trɛ, basafa du.

3Ɛnna ɔkɔɔ dan no mu kɔsusuu ɛpono ano adum no, basafa baako, ne ɛpono no, basafa mmiɛnsa, na ɛpono no trɛ yɛ basafa mmiɛnsa ne fa;

4Hes 43.12 na ɔsusuu ne ntwemu basafa du ne ne trɛ basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea.

5Ɛnna ɔsusuu ɛdan no fasuo, basafa mmiɛnsa, ne ɛho mpia no trɛ, basafa mmienu de twaa ɛdan no nyinaa ho hyiaeɛ.

6Na nkyɛn mu mpia no, pia si pia so ahodoɔ mmiɛnsa, saa ahodoɔ aduasa, na ɛkɔ ɔfasuo a ɛwɔ ɛdan no ho ma mpia no so, twa ho hyia, ɛma no sosɔ mu, nanso ɛnsosɔ ɛdan no fasuo mu;

7na mpia no rekɔ soro hyia no, na emu retrɛ, na ɛdan no ho mpia no kɔ soro ara twa ɛdan no ho hyia, enti emu trɛe wɔ ɛdan no ho wɔ soro, na ɛde saa firi aseɛ deɛ no mu fa mfimfini deɛ no mu kɔ soro deɛ no mu.

8Na mehunuu ɛdan no ho bamma a ɛtwa ho hyia a ɛne nkyɛn mu mpia no nnyinasoɔ, ne hini korɔn duru basafa mmiɛnsa ɛne demmire no pɛ.

9Nkyɛnmu mpia no akyiri fasuo no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa, na deɛ wɔgyaa no ɛdan no ho nkyɛn mu mpia no ho no nso saa ara.

10Hes 42.1-3 Na adammoa no ntam trɛ yɛ basafa du de twa ɛdan no ho hyia twan.

11Na nkyɛn mu mpia no apono ano kwan kɔ deɛ wɔgyaeɛ no so, ɛpono ano baako hwɛ atifi fam, na ɛpono ano baako hwɛ anafoɔ fam, na ɛkwan a wɔgyaeɛ no trɛ yɛ basafa mmienu ne fa twa ho hyia.

12Na ɛdan a ɛsi efie no akyiri adihɔ, atɔeɛ fam no trɛ yɛ basafa aduasa nnum, na ɛdan no fasuo trɛ yɛ basafa mmienu ne fa de twa ho hyia, na ne ntwemu yɛ basafa aduanan nnum.

13Na ɔsusuu ɛdan no ntwemu, ɛyɛ basafa aduonum, ne afikyire adihɔ ne ɛhɔ dan no ne n’afasuo ntwemu, basafa aduonum;

14na ɛdan no anim trɛ ne n’adihɔ no deɛ, apueeɛ fam, yɛ basafa aduonum.

15Saa na ɔsusuu ɛdan a ɛsi n’adihɔ no anim a ɛkɔduruu n’akyi ne ɛho mmrannaa a ɛwɔ ho ntwemu, basafa aduonum, ne asɔredan no mu abannwa no ntwonoo.

16Apono ase ne mpomma aniahunuankansa ne mmrannaa a ɛtwa ne mmiɛnsa no ho hyia no, aponnwa a wɔde dua adura ho ahyia no, ne fam de kɔka mpomma no ho no, ne (mpomma a wɔakatakata ho no),

17apono ano atifi hɔnom, ɛdan no mu fam ne akyire fam ne afasuo no nyinaa twan, emu fam ne ɛho fam, ne nyinaa wɔ ne nsusuiɛ.

18Na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ, na abɛ wɔ kerub ntam, na kerub wɔ anim mmienu;

19na onipa anim hwɛ abɛ wɔ fa ha, na gyata anim hwɛ abɛ wɔ fa ha; wɔyɛɛ no ɛdan no mu nyinaa hyiae.

20Ɛfiri fam kɔsi pono no atifi na wɔayeyɛ kerubim ne mmɛ no asɔredan no fasuo ho.

21Asɔredan no wɔ aponnwa ahinanan, na kronkronbea no anim deɛ te saa ara.

22Eks 30.1-10 Afɔrebukyia no yɛ dua, ne korɔn yɛ basafa baako ne fa, na ne ntwemu yɛ basafa baako, na ne ntweaso ne ne nnyinasoɔ ne n’afasuo yɛ dua. Na ɔka kyerɛ me sɛ: Yei ne ɛpono a ɛsi AWURADE anim.

23Na asɔredan no asa ne pia kronkron no wɔ apono mmienu.

24Na apono no yɛ ntanta, apono mmukamu mmienu mmienu. Mmienu yɛ ɛpono baako deɛ, na ɛpono mmienu yɛ baako deɛ.

25Na wɔayɛ asɔredan ano apono no so kerubim ne mmɛ, sɛdeɛ wɔyɛɛ no afasuo no ho no. Na dua ntiasoɔ wɔ ntwonoo no anim adihɔ fam.

26Na mpomma aniahunuankansa ne mmɛ wɔ ɔfa ha ne fa ha, ntwonoo no nkyɛn mu ne ɛdan no nkyɛn mu mpia ne nkatasoɔ mpuna no ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help