Malaki 2 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Asɔfoɔ no asotwe

1Na afei, deɛ wɔahyɛ yi, wɔne mo, asɔfoɔ.

2Deut 28.15 Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.

3Hwɛ, mɛtwi mo asefoɔ anim, na mabɔ sɛbeɛ mapete mo anim, mo nnapɔnna sɛbeɛ no, na wɔasesa mo aka ɛno ho akɔ;

4na mobɛhunu sɛ me na mesoma maa wɔde mmara yi brɛɛ mo sɛ ɛnyɛ me ne Lewi apam, asafo AWURADE na ɔseɛ.

5M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoeɛ, na mede memaa no sɛ ɔnsuro. Na ɔsuroo me, na me din nti ne ho popoe.

6Nokorɛ mmara daa n’anomu, na wɔanhunu n’anomu kɔntɔnkyesɛm biara; asomdwoeɛ ne tenenee mu na ɔne me nanteeɛ, na ɔdanee nnipa pii firi amumuyɛ ho.

7Deut 33.10; Hag 1.13 Na ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ, na wɔnyɛ nhwɛsoɔ mma afoforɔ, mmara no so die mu, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɔfoɔ ne no.

8Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

9Enti me nso mɛma mo anim agu ase, na moabrɛ ase ɔman no nyinaa anim, sɛdeɛ monni m’akwan soɔ na mohwɛ nnipa anim, na mobu ntɛnkyea.

Awaresɛeɛ

10 Mal 1.6; Hiob 31.15 Ɛnyɛ agya korɔ na yɛn nyinaa yɛwɔ? Ɛnyɛ Onyankopɔn korɔ na ɔbɔɔ yɛn? Ɛnam deɛn so nti na onua twa onua nkontompo sɛ yɛde bɛgu yɛn agyanom apam ho fi yi?

11Esra 9.2 Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.

12AWURADE bɛtwa ɔbarima a ɔyɛ yei, sɛ ɔnim na ɔboapa yɛ no afiri Yakob ntomadan mu, na wapo n’ayɛyɛdeɛ a ɔde brɛ asafo AWURADE no.

13 Mal 1.10 Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.

14Na mobisa sɛ: Ɛnam deɛn so? Ɛfiri sɛ AWURADE ayɛ wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ntam danseni, ɔno na woatwa no nkontompo, nanso ɔno ne wo hokafoɔ ne w’apam yerɛ no.

15Yes 51.2; Hes 33.24; Gye 15.5-6; 21.12 Ɛnyɛ baako na Onyankopɔn yɛɛ mo wɔ ne honhom mu? Na ɛdeɛn ntira, sɛ mobɛwo mma a nyamesuro wɔ wɔn mu. Enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na ntwa wo mmeranteberɛ mu yerɛ nkontompo.

16Deut 24.1 Na metane awareguo, AWURADE, Israel Nyankopɔn na ɔseɛ, ne deɛ ɔde mmusuo kata n’atadeɛ soɔ, enti monhwɛ mo ho yie mo honhom ho, na monntwa nkontompo.

17 Mal 3.13-14 Mode mo nsɛm hyɛ AWURADE brɛ. Nanso moka sɛ: Ɛdeɛn na yɛde hyɛ no brɛ? Sɛ mobisa sɛ: Obiara a ɔyɛ bɔne no, ɔyɛ wɔ AWURADE anim, na wɔn ho yɛ no anisɔ; anaasɛ: Atemmuo Nyankopɔn no wɔ he?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help